“Ɛno Ne Nhoma a Edi Kan a Wakenkan”
Yehowa Adansefo a wɔwɔ Ukraine taa ne wɔn a wɔretwɛn keteke no kasa. Ɔdansefo bi maa ɔbea bi a ɔkyerɛɛ Bible ho anigye Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, nhoma a ɛde mfonini di dwuma kɛse wɔ Bible mmerebu abakɔsɛm mu no bi.
Akyiri yi, ɔbea no huu Ɔdansefo no bio wɔ keteke gyinabea hɔ ara, daa no ase wɔ nhoma no ho, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná me babarima mpɛ sɛ ɔkenkan ne sukuu nhoma ahorow. Ɔnkenkan koraa. Nanso bere a mede Bible Mu Nsɛm nhoma no maa no no, ohuu mfonini no, na onyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛkenkan. Ɔkenkanee nhoma no nyinaa wiei dapɛn abien mu. Ɛno ne nhoma a edi kan a wakenkan. Nanso nea ɛsen biara no, n’ani gyei sɛ wahu Nyankopɔn. Na m’ankasa nso redi ahurusi sɛ ɔreyɛ saa nsakrae yi. Mesrɛ wo, ma me biribi foforo nkenkan.”
Ná ɔbea foforo gyina nkyɛn, na ɔtee saa asɛm yi. Obisae sɛ ebia obetumi anya Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no bi anaa. Wo nso wubetumi anya nhoma a ekura nkratafa 256 yi bi anaasɛ wubenya obi aba wo fie ne wo abɛbɔ mfaso a ɛwɔ Bible nkyerɛkyerɛ so ho nkɔmmɔ, denam kyerɛw a wobɛkyerɛw akɔ Watch Tower, P. O. Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo paa no so.