Chitenge A Wɔde Yɛ Nneɛma Pii
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NAMIBIA HƆ
CHITENGE—wunim n’adeban? Sɛ wubenya bere kakra a, bra ma yentwa kwan kakra nkɔ Afrika akuraa bi ase nkɔhwɛ chitenge a wɔde yɛ nneɛma pii no adwuma ne n’agodie.
Akuraa a yɛrekɔ ase ne Rundu a ɛwɔ Namibia no. Beae a yebedi kan akɔ ne gua so a adagyew nni hɔ koraa no. Mmea a wɔn anim yɛ sereserew di nneɛma ano, tɔ, tɔn, anaasɛ wogyina di nkɔmmɔ kɛkɛ. Nanso bɛn wɔn yiye na hwɛ ade, na wubehu sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa furafura ntama soronko bi, ntama a wɔde twa asen a wɔfrɛ no chitenge no.
Chitenge a wɔde asaawa ayɛ tenten yɛ mita 2, na ne ntrɛwmu yɛ mita 1.5, na ɛyɛ kɔla horow a wɔadi adwinni pii agu mu. Wɔayɛ mmoa mfonini ne nneɛma afoforo a nnipa anaa nsase de ka ho agu ebi mu.
Afei, yɛkɔ nkuraasefo no bi afie a wɔde dɔte ne nhaban asisi no fɛfɛɛfɛ no mu. Mmea no reyɛ wɔn fie nnwuma a wonni adagyew—wɔreprapra anhwea a ɛwɔ wɔn fie anim anaasɛ wɔresɔ ogya anoa abusua no aduan. Chitenge nkutoo na efura ebinom, seesei de wɔapia kɔ soro de atwa wɔn koko so te sɛ atade. Sɛ mmea no siesie wɔn ho a—sɛ ebia wɔhyɛ atade soro ne fam a—wɔde chitenge twa wɔn asen sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn fam atade no renyɛ fĩ bere a wɔnam nkuraa mfutukwan so no.
Wuhuu ababaa hoɔfɛfo no? Wanwene chitenge—ne nyinaa yɛ mita 2—de ayɛ abotiri nwonwaso bi a ɛyɛ fɛ. Na hwɛ sɛnea oturu ne ba no. Wabɔ chitenge foforo pɔw sɛ hama asɛn n’abati. Ne ba no ani gye ho sɛ wobeturu no wɔ saa kwan yi so wɔ ne Maame akyi. Sɛ abofra no fi ase sɛ ɔresu a, ɔsan pɔw a ɛwɔ n’anim no kɛkɛ na ɔma no nufu anaasɛ ɔkyekye ne werɛ bere a ɛna no kɔ ne kwan no.
Ebia woahu pɔw a wabɔ no ne ne sika a ɔde asi ne ntama ano ahyɛ ne nkyɛn no nso—sika kotoku a ɛfata. Sɛ ɔtotɔ ne nneɛma wie a, ɔsan chitenge foforo a ɔwɔ no de nhabamma no gu mu kyekyere no yiye, na ɔsoa nnuan bag no kɔ fie.
Sɛ odu fie a wubehu sɛnea ɔde ntama yi a wɔde yɛ nneɛma pii no bedi dwuma nyansa mu. Chitenge a ɛyɛ fɛ yiye sɛn ɔpon biara ano. Sɛnea wutumi hu no, wɔntow afasu wɔ adan no mu. Wɔde hama sa ɔdan mu de chitenge anan sensɛn so de twa ɔdan no mu ma ɛyɛ pia ne asa.
Yɛn fiewura ɔbea no soɛ ne nhabamma no na ohu sɛ ne nnyina asa. Ansa na ɔbɛkɔ wuram akotwitwa nnyina no, ɔhwɛ hu sɛ wafa chitenge foforo. Sɛ otwitwa nnyina no wie a, ɔde chitenge biako kyekyere nnyina no. Afei ɔfa chitenge foforo bɔ kahiri to ne ti. Sɛ ɔsoa nnyina a wakyekyere no a, eyi ma ne ti ase dwo no fɔmm.
Bere a yɛn adamfo no hu sɛ n’aduan no rehuru nkakrankakra no, ohu sɛ ɔwɔ bere a obetumi akɔsra ne fipamfo kakra. Bere a ɔrekasa totow ne nsa no, ɔde ne chitenge sɛw fam te sɛ kuntu de ne ba si so. Bere a abofra no maame de dua hyɛ ne nsam sɛ ɔmfa nni agoru no, abofra no serew kyerɛ no.
Ankyɛ koraa na ɛsɛ sɛ yɛn adamfo no san kɔ fie kɔhwɛ aduan no. Nanso nsu amuna, na ɛnkyɛ efi ase tɔ. Bere a ɛnhaw no ahe biara no, ɔde ne nsa biako ma ne ba so, na otumi de chitenge kata ne ti. Bere a ɔde ne kyinii yi kata ne ti ntɛm ara no, ɔde n’ani kyerɛ fie kɔhwɛ aduan no.
Ntama a wɔde twa asen, atade tenten, sika kotoku, nnuan bag, kuntu, kyinii, ntama a wɔde turu abofra, abotiri—ɛte sɛ nea nneɛma a wɔde chitenge yɛ nni ano, na edi nyansa a saa Afrikafo yi wɔ ho adanse.
[Kratafa 27 mfonini ahorow]
Wɔde “chitenge” yɛ nneɛma pii: sɛ ade a wɔde kyekyere nnyina, sɛ ntama a wɔde kyekyere abofra, sɛ abotiri a ɛyɛ fɛ, sɛ kuntu a ɛyɛ fɛ