“Biribi a Ɛda Nsow”
Bere a ɔbea bi a wadi mfe 70 a ɔwɔ Moscow, Russia, kenkan Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, nhoma a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛka Yesu asase so asetra mu nsɛm biara a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Nsɛmpa anan no mu, wiei no, ɔteɛɛm sɛ: “Menkenkan nhoma a ɛte sɛ eyi pɛn. Mepɛ sɛ mihu pii fa Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho, na mpo misua Bible no.”
Mpɛn pii na Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Russia no nsa ka nkrataa a ɛte saa a ɛfa Bible ho nhoma ho. Wɔn nsa kaa krataa a ɛte saa fii ɔbea bi a ɔwɔ Chelyabinsk, kurow a emu nnipa bɛboro ɔpepem biako, na ɛda Moscow kesee fam apuei bɛyɛ kilomita 1,500, no hɔ.
Ɔkaa Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn ho asɛm sɛ: “Nhoma no yɛ biribi a ɛda nsow. Ɛma nkurɔfo nya daakye a ɛyɛ anigye ho anidaso, na ɛboa wɔn ma wohu tete abakɔsɛm ho ade. Ansa na merebenya saa nhoma yi no, na minsusuw Onyankopɔn ho da, na na m’ani nnye nyamesom ho koraa, nanso seesei mepɛ sɛ wɔbɔ me asu. Mepɛ sɛ misua mo nhoma no yiye. Mepɛ sɛ meka nea makenkan no ho asɛm kyerɛ me nnamfo, amannifo, ne abusuafo.”
Wo nso wubetumi anya nhoma a ebetumi aboa wo ma woasua Yesu ne asetra wɔ wiase foforo mu ho anidaso a egyina Bible so no ho ade pii. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no bi, anaasɛ wopɛ sɛ obi ba wo fie ne wo bɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watchtower, P. O. Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.