Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 9/8 kr. 32
  • “Nsɛm a Eye Bɛn Ara Ni!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nsɛm a Eye Bɛn Ara Ni!”
  • Nyan!—1999
Nyan!—1999
g99 9/8 kr. 32

“Nsɛm a Eye Bɛn Ara Ni!”

Ɔkwan bɛn so na mmerante ne mmabaa betumi anya atirimpɔw wɔ asetra mu, ate wɔn ho ase, anaasɛ wobetumi ne wɔn awofo ayɛ biako? Nnansa yi ara, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Spania no nsa kaa krataa bi, na emu asɛm no bi ka sɛ:

“Nea enti a merekyerɛw mo ne sɛ merema mo amo kɛse wɔ adwuma pa a moreyɛ de tintim nhoma ahorow, te sɛ nea wɔato din Questions Young People Ask—Answers That Work no. Nsɛm a eye bɛn ara ni! Mema wɔn a wɔkyerɛwee ne wɔn a wotintimii no amo sɛ wɔadi mmerante ne mmabaa ahiade horow ho dwuma.

“Meyɛ ɔbea a madi mfe 21 a bere bi a atwam ni no na misua Bible no. Ɛdenam m’adamfo bi so no, me nsa kaa Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no bi a na menhwɛ kwan.

“Bere a edi kan no misusuwii sɛ entumi mmoa me, nanso nkakrankakra m’ani begyee n’akenkan ho. Ɛmaa misusuw nneɛma pii ho, te sɛ dɛn na menyɛ wɔ asetra mu, na ɛde nkakrankakra buaa me nsɛmmisa nyinaa. Bere a me nsa kaa saa agyapade no, misuaa sɛnea mɛte m’awofo ase, sɛnea mede bɔne befiri, ne sɛnea mɛbɔ me bra sɛ ɔbea ankasa.”

Sɛ wopɛ sɛ wunya Young People Ask nhoma no mu nsɛm so mfaso a, wo nsa betumi aka bi denam krataa a ɛka ho yi a wobɛhyehyɛ na wode amena address a ɛwɔ so no anaa address a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma yi kratafã 5 no so.

□ Mommrɛ me Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena