Obi a Onnye Onyankopɔn Nni Nya Ne Nsɛmmisa Ho Mmuae
“NSƐM a mokyerɛw wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu no yɛ nwonwa! Wuntumi mmu w’ani ngu nea aba foforo no so! Ebua nsɛmmisa pii na ɛma wonya asomdwoe nso.”
Saa na ɔkenkanfo bi a ofi India anaafo fam no kae. Wɔwoo no sɛ Hinduni de, nanso ne papa de adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ no na ɛtetee no. Ɔka sɛ: “Na minni atirimpɔw biara wɔ asetra mu. Ná ntease biara nni Darwin adannandi nkyerɛkyerɛ no mu. Bɛyɛ mfe pii ni, nsɛmmisa te sɛ, Hena ne Onyankopɔn? Dɛn nti na subammɔne abu so saa? Sɛ yewu a ɛhe na yɛkɔ? So ahonhommɔne wɔ hɔ ampa? ahaw m’adwene.”
Bere a onyaa ne nsɛmmisa ho mmuae wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no, ɔkenkanfo yi kraa nsɛmma nhoma abien yi nyinaa bi, ɔkraa bi de kyɛɛ ne nuabea, na afei ɔde bi ma wɔn a ohyia wɔn nyinaa. Esiane sɛ ɔyɛ obi a otwa mfonini na ɔsan yɛ mfonini nti, ɔkyerɛɛ mfonini ahorow a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu ne sɛnea wɔyɛɛ mfonini no a “edi mu” no ho anisɔ. Sɛ wokenkan nsɛmma nhoma a edi mu yi a, wubetumi abɛka nnipa ɔpepem pii a wɔanya wɔn nsɛmmisa ho mmuae na wɔwɔ asomdwoe no ho.
Sɛ wopɛ sɛ wunya Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ma yɛn no ho nsɛm pii a, yɛn ani begye ho sɛ yɛde nhomawa a wɔakyekyɛ wɔ wiase nyinaa So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? no bi bɛmena wo a wuntua hwee. Wo de hyehyɛ krataa a ɛka nhoma yi ho yi fa mena address a ɛwɔ so no anaa address a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma yi kratafã 5 no.
□ Momfa Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhoma no bi mmrɛ me.
□ Kyerɛ kasa ko a wopɛ.
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 32]
COVER, pages 2-9 and 32: Einstein: U.S. National Archives photo; Model-T Ford: From the Collections of Henry Ford Museum & Greenfield Village; Great Depression: Dorothea Lange, FSA Collection, Library of Congress; Nicholas II and family: From the book Liberty’s Victorious Conflict; League of Nations building: U.S. National Archives photo; Churchill: The Trustees of the Imperial War Museum (MH 26392); Battleship: U.S. Navy photo; Atomic bombs: USAF photo; Gandhi: Culver Pictures; Man on the moon: NASA photo; Pollution: Godo-Foto; Mao Tse-tung: Culver Pictures; African children: FAO photo/F. Botts; Statue of Lenin: Juraatis/Sipa Press; Space shuttle: NASA photo; Archduke Ferdinand: From the book The War of the Nations; Lenin: Musée d’Histoire Contemporaine-BDIC