Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 1/8 kr. 32
  • Ɔyɛ Okyinnyegyefo, Nanso Ɔrepɛ Biribi Ahu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyɛ Okyinnyegyefo, Nanso Ɔrepɛ Biribi Ahu
  • Nyan!—2001
Nyan!—2001
g01 1/8 kr. 32

Ɔyɛ Okyinnyegyefo, Nanso Ɔrepɛ Biribi Ahu

ƆBARIMA bi a ɔkyerɛe sɛ wɔbɔɔ no asu sɛ Roma Katolekni no srɛe wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Slovenia no baa dwumadibea no mu sɛ: “Mesrɛ mo mommrɛ me Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi. Mepɛ sɛ mokyerɛ me sɛnea metumi anya Nyan! nsɛmma nhoma no bi wɔ me fie daa nso.”

Ɔbarima no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mesrɛ sɛ munnnya adwene foforo bi mmma me. Minnye ɔsom nni, nanso bere a mekenkanee Nyan! no, me ho dwiriw me efisɛ ɛnyɛ katee wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛde ma no mu na mmom ɛka ne nsɛm tee na mfaso nso wɔ so.” Afei ɔtwee adwene sii ɔsom bi nsɛmma nhoma a agye din so na ɔkae sɛ nea ɛyɛ ara ne sɛ ɛbɛsɛe nkurɔfo adwene.

Ɔbarima no kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔno ankasa kyerɛw krataa sen sɛ anka ɔbɛbɔ n’address wɔ Nyan! no akyi de akra Ahwehwɛde nhomawa no mu. Ɔkae sɛ: “Na mempɛ sɛ mesɛe Nyan! no. Na mepɛ sɛ ɛyɛ te sɛ nea ɛte no ara!

Adesua 16 na ɛwɔ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa a ekura nkratafa 32 no mu. Wɔka Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw ho asɛm wɔ mu na ɛma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani. Sɛ wopɛ sɛ wunya nhomawa yi bi a, bɔ w’address gu nsɛmma nhoma yi akyi fa mena address a ɛwɔ so anaasɛ address a ɛwɔ nsɛmma yi kratafa 5 no.

□ Momfa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

113 million copies 240 languages

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena