M’ani Gye Nokwasɛm a Ɛka no Ho
SUKUUPƆN KYERƐKYERƐFO bi a ɔwɔ Spain kyerɛw nsɛm yi kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ ne man mu no de daa anisɔ a ɔwɔ ma Nyan! no adi. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Nnansa yi, me nsa kaa mo nsɛmma nhoma, Nyan!, no abien. Mihui sɛ ɛka anigyesɛm pii. Minni ɔsom biara mu, nanso m’ani gyee nokwasɛm a nsɛmma nhoma no ka no ho. Emu mfonini nso yɛ fɛ, na ɛka nyansahu mu nokwasɛm. Mema mo amo wɔ mo mmɔdenbɔ no ho.”
Nyan! ka nyansahu ho nsɛm pii na ɛboa wɔn a wɔkenkan no ma wonya nimdeɛ a edi mu. Ɔkwan koro no ara na nhomawa a ekura nkratafa 32 a ɛne Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu? no fa so da nsɛm adi. Sɛ nhwɛso no, wɔ asɛmti nketewa, “So Nkwa Bae Ara Kwa?” ne “Adwinni Hia Odwumfo” ase no, wɔagyina nneɛma a wɔahu wɔ nsoromma, abɔde mu nneɛma nketenkete, ne abɔde a aniwa hu ho nimdeɛ mu so de asɛm no ho nkyerɛkyerɛmu ama.
Wubetumi abisa Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu? nhomawa yi bi denam krataa a ɛka ho a wobɛhyehyɛ de amena address a wɔde ama no anaa nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.
□ Momfa Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Ahu? Nhomawa no bi
mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Galaxy: Courtesy of Anglo-Australian Observatory, photograph by David Malin