Ɛnyɛ Wɔn A Wɔadu Mpanyin Afe So Nko Na Eye Ma Wɔn
Wɔ krataa bi a Jolanta a wadi mfe 25 kyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Poland mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na nsɛm ahyɛ ne so. Ná na wayɛ ɔyarefo a ontumi nnantew, na na ne maame ne ne nanabea nyinaa awu wɔ asram asia ntam. Nanso afei ofii ase kenkanee Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Ná misusuw sɛ saa nhoma yi ye ma mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so, na ɛnyɛ me. Hwɛ sɛnea na meredi mfomso! Bere a mekenkanee ti 12 kosi 16 no, minyaa me nsɛmmisa ho mmuae a emu da hɔ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mehaw na mete nka sɛ mayɛ ankonam?’ Dɛn nti na metan me ho?’ na ‘Dɛn nti na madi awerɛhow kɛse fi bere a m’abusuafo a medɔ wɔn wui no?’”
Ɔtoaa so sɛ: “M’ani gyee nsɛm abien a ɛwɔ kratafa 130 no ho: ‘Hu a wubehu sɛ w’awerɛhodi no yɛ ne kwan so no yɛ mmoa kɛse a ɛbɛma woate tebea no ase. Nanso sɛ woannye nokwasɛm no antom a, ebetumi ama woadi awerɛhow akɔ akyiri.’ Saa nsɛm yi a mekenkanee no hyɛɛ anidaso a mewɔ sɛ mɛsan ahu wɔn a wɔawuwu no mu den, na ɛno maa m’ani gyei kɛse.”
Sɛ wopɛ sɛ wudi w’awerɛhow so na wunya anigye wɔ asetram a, yɛte nka sɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no bɛboa wo nso. Wubetumi abisa nhoma yi bi denam ɔfa a wɔde ama wɔ nsɛmma nhoma yi akyi a wobɛbɔ w’address agu hɔ de amena address a wɔde ama anaa nea ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.
□ Momfa Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no bi mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.