Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/13 kr. 8-9
  • Mihui sɛ Atɛnkyea Rekɔ So wɔ Baabiara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mihui sɛ Atɛnkyea Rekɔ So wɔ Baabiara
  • Nyan!—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Nkurɔfo Ne Yɛn Anni No Yiye a, Dɛn Na Yɛbɛyɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Wubetumi Agyina Atɛnkyea Ano!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • ‘Onyankopɔn Ntene Anaa?’
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2013
g 7/13 kr. 8-9

Mihui sɛ Atɛnkyea Rekɔ So wɔ Baabiara

Patrick O’Kane anom asɛm

WƆWOO me afe 1965 mu too abusua bi a wodi hia mu wɔ Northern Ireland. Wɔtetee me wɔ County Derry, bere a na Northern Ireland ntawntawdi a ɛkɔɔ so wɔ Katolekfo ne Protestantfo ntam a edii bɛyɛ mfe 30 no gyina mu no mu. Katolekfo a na wɔnnɔɔso no tee nka sɛ Protestantfo a wɔdɔɔso no reyɛ nyiyim, ma wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wowia abatow mu, wɔma polisifo di wɔn akyi baabiara a wɔkɔ, wɔmmfa wɔn nnwuma mu, afei nso wɔma ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobenya adan atena mu.

Mihui sɛ atɛnkyea ne nnipa mu nyiyim rekɔ so wɔ baabiara. Merentumi nkae mpɛn dodow a wɔhwee me, wɔtwee me fii kar mu de tuo kyerɛɛ me so, anaa mpɛn dodow a polisifo bisabisaa me nsɛm na wɔhwehwɛɛ me nneɛma mu. Metee nka sɛ wɔresisi me na na minhu sɛ ‘mempene tebea no so anaa menko ntia!’

Mede me ho hyɛɛ Kwasida aperententu a na wɔde kae nnipa 14 a Britaniafo asraafo hwiee wɔn mogya gui wɔ 1972 mu no mu, ne aperententu a wɔde kae nneduafo a wɔkyen kɔm wuwui wɔ afe 1981 mu no nso mu. Mede frankaa a wɔabara sisii hɔ na mekyerɛkyerɛw nsɛm a etia Britaniafo guu baabiara a menya. Ɛkame ayɛ sɛ bere biara na wɔyɛ Katolekni bi aninnyane anaa wokum no ma yɛtew ho atua. Nhyiam biara a yebefi ase no, akyiri yi na adan ntɔkwaw.

Bere a mewɔ sukuupɔn mu no, mede me ho bɔɔ sukuufo kuw a wɔsɔre tia abɔde a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no no ho. Akyiri yi, mituu kɔɔ London, na mede me ho hyɛɛ Sohyialisfo kuw a na wɔkasa tia aban nhyehyɛe a na ɛma adefo di yiye sen ahiafo no. Mede me ho hyɛɛ adwumayɛfo akuw a na wɔtew akatua a wɔtew so ho atua no mu, na meboa ma wɔsɔre tiaa nsisi a na ɛwɔ ankorankoro tow mu no wɔ 1990. Saa atuatew no ma wɔsɛee Trafalgar Square pasaa.

Awiei koraa no, m’abam bui. Sɛ anka atuatew bɛma yɛn nsa aka nea yɛrehwehwɛ no, mpɛn pii no, ɛma nitan ano yɛ den.

Ɛmfa ho adwempa a nnipa wɔ no, wɔrentumi ntu ntɛnkyea ne nnipa mu nyiyim ase

Saa bere yi mu na m’adamfo bi kaa Yehowa Adansefo ho asɛm kyerɛɛ me. Wɔde Bible no kyerɛkyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn hu yɛn amanehunu nyinaa na obedi ho dwuma na wama ɔhaw a nnipa de ba no nyinaa to atwa. (Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛmfa ho adwempa a nnipa wɔ no, wɔrentumi ntu ntɛnkyea ne nnipa mu nyiyim ase. Sɛ yenya Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ pa mpo a, yɛsan hia ne tumi na yɛatumi adi ahonhommɔne a wɔhyɛ wiase haw nyinaa akyi no so.—Yeremia 10:23; Efesofo 6:12.

Seesei mete nka sɛ, nea na mereyɛ de ako atia ntɛnkyea no te sɛ nea na mede paane rebɔ ɔsono ataaso. Hu a mabehu sɛ bere bi bɛba ma ntɛnkyea afi asase yi so na obiara renkyɛn obi no ma minya akomatɔyam paa.

Bible kyerɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn “dɔ atɛntrenee.” (Dwom 37:28) Eyi ne ade biako a ɛma yenya Yehowa mu awerɛhyem sɛ ɔbɛfa ɔkwan bi so de atɛntrenee aba a nnipa nniso biara rentumi nyɛ saa da. (Daniel 2:44) Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no, anaa kɔ Intanɛt so wɔ www.pr2711.com.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena