Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g21 nɔma 1 kr. 3
  • Ɛhe Na Wubenya Nyansa De Abɔ Wo Bra Ama W’ani Agye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛhe Na Wubenya Nyansa De Abɔ Wo Bra Ama W’ani Agye?
  • Nyan!—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2021
  • Afrika Kuropɔn Bi a Apuei Hyia Atɔe Wom
    Nyan!—2001
  • Sɛnea Wubenya Nokware Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nyansa Reteɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2021
g21 nɔma 1 kr. 3
Maame bi te baabi renom kɔfe, na ɔredwinnwen biribi a wakan ho.

Ɛhe Na Wubenya Nyansa De Abɔ Wo Bra Ama W’ani Agye?

“Sɛ mehwɛ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so te sɛ akokoakoko, ohia, sɛnea yare teetee nnipa, ne sɛnea nkurɔfo yɛ mmofra ayayade no a, na me werɛ ahow. Kan no, sɛ mihu nneɛma saa a, na mete nka sɛ anidaso biara nni hɔ. Nanso seesei manya anidaso.”—RANI.a

Seesei Rani ani gye paa. Adɛn ntia? Wabehu sɛ, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn no na nyansa fi no. Enti sɛ obi pɛ nyansa de abɔ bra a, ɔno nko ara na obetumi de ama no. Nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no bɛboa wo ama woahu sɛnea nyansa a efi Onyankopɔn hɔ no betumi ama . . .

  • w’ani agye wɔ w’abusua mu

  • asomdwoe atena wo ne afoforo ntam

  • woanya anigye ne akomatɔyam

  • woahu nea enti a nnipa hu amane na wowuwu

  • woanya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye

  • woahu Ɔbɔadeɛ no yiye na woabɛn no

Afei nso wubehu sɛ, ɛnyɛ nnipa kakraa bi pɛ na Ɔbɔadeɛ no de ne nyansa no bi ama wɔn, mmom obiara a ɔpɛ bi no, sɛ ɔhwehwɛ nko ara de a, ne nsa bɛka.

a Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ nhoma yi mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena