Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 8
  • Abran wɔ Asase So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abran wɔ Asase So
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔtew Atua wɔ Honhom Atenae Hɔ
    Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
  • Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Mmoa a Yenya Fi Onyankopɔn Abɔfo Hɔ
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 8
Ɔbarima tenten gramo bi aso ɔbarima foforo bi mene, na wapoma twɛre rebɛbɔ no

ASƐM 8

Abran wɔ Asase So

SƐ OBI nam reba wo nkyɛn na ne tenten pem ɔdan atifi a, anka dɛn na wubesusuw? Saa nipa no bɛyɛ ɔbran ankasa! Bere bi a atwam no na abran wɔ asase so ankasa. Bible kyerɛ sɛ na wɔn agyanom yɛ abɔfo a wofi soro. Na ɛbɛyɛ dɛn na aba saa?

Kae sɛ na ɔbɔfo bɔne Satan gu so redi nsɛmmɔne. Na ɔrebɔ mmɔden mpo sɛ ɔbɛma Onyankopɔn abɔfo ayɛ bɔne. Bere bi akyi no abɔfo yi mu binom fii ase tiee Satan. Wogyaee adwuma a Onyankopɔn wɔ ma wɔn ɔsoro no. Wɔbaa asase so bɛyɛɛ wɔn ho te sɛ nnipa. Wunim nea enti?

Bible se nea enti ne sɛ Onyankopɔn mma yi huu mmea a wɔn ho yɛ fɛ wɔ asase so na wɔpɛe sɛ wɔne wɔn bɛtra. Enti wɔbaa asase so bɛwarewaree wɔn. Bible se eyi yɛ bɔne efisɛ Onyankopɔn yɛɛ abɔfo ma wɔatra ɔsoro.

Bere a abɔfo no ne wɔn yerenom wowoe no, na ɛsono saa mmofra yi. Mfiase no ebia na wɔnyɛ soronko pii. Nanso wɔkɔɔ so nyin bɛyɛɛ akɛse, na wonyaa ahoɔden kɛse, kosi sɛ wɔbɛyɛɛ abran.

Ɔbran bi rewia abusua bi aduan

Ná nnipa bran yi nye. Na esiane sɛ na wɔyɛ akɛse na wɔwɔ ahoɔden nti, wɔhaw nkurɔfo. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma obiara adi nsɛmmɔne te sɛ wɔn.

Na Henok awu, nanso na onipa biako wɔ asase so a oye. Na wɔfrɛ saa nipa yi Noa. Ɔyɛɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ bere nyinaa.

Da koro Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ bere adu sɛ ɔsɛe nnipa abɔnefo nyinaa. Nanso na Onyankopɔn begye Noa, ne fifo, ne mmoa no pii nkwa. Ma yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn yɛɛ eyi.

Genesis 6:1-8; Yuda 6.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena