Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 49
  • Owia No Gyina Faako

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owia No Gyina Faako
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yosua Ne Gibeonfo No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ma Yosua Mmoa Wo Na Som Yehowa Akokoduru So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Yehowa Yɛn Nyankopɔn Na Yɛbɛsom No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yosua 1:9—“Nya Akokoduru Na Ma Wo Ho Nyɛ Den”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 49
Yosua reka akyerɛ owia no sɛ ennyina faako

ASƐM 49

Owia No Gyina Faako

HWƐ Yosua. Ɔreka sɛ: ‘Owia, gyina!’ Na egyinae. Egyinaa faako da mu nyinaa. Yehowa na ɔma ɛbaa saa! Ma yɛnhwɛ nea enti a na Yosua pɛ sɛ owia kɔ so bɔ no.

Bere a ahemmɔne baanum a wofi Kanaan asase so no fii ase sɛ wɔreko atia Gibeonfo no, Gibeonfo no somaa obi kɔfrɛɛ Yosua sɛ ɔmmɛboa wɔn. Ose: ‘Bra ntɛm begye yɛn! Ahene a wɔte mmepɔw so no nyinaa aba ne mo nkoa rebɛko.’

Ntɛm ara Yosua ne ne dɔm siim. Wotwaa kwan anadwo no nyinaa. Bere a wobeduu Gibeon no ehu kaa ahene baanum no asraafo na wofii ase sɛ wɔreguan. Afei Yehowa maa amparubo akɛse fi soro tɔe, na eyi kunkum asraafo pii sen wɔn a Yosua dɔm no kunkum wɔn no.

Ná Yosua tumi hu sɛ ɛrenkyɛ na owia no akɔtɔ. Esum bɛba, na ahemmɔne baanum no asraafo no binom beguan. Ɛno nti na Yosua bɔɔ Yehowa mpae na ɔkae sɛ: ‘Owia, gyina!’ Na bere a owia no kɔɔ so bɔe no, Israelfo tumi wiee wɔn nkonimdi wɔ ɔko no mu.

Ná ahemmɔne pii da so wɔ Kanaan a wɔmpɛ Onyankopɔn nkurɔfo asɛm. Egyee Yosua ne ne dɔm mfe nsia na wɔde adi ahene 31 so nkonim wɔ asase no so. Bere a wɔyɛɛ eyi no, Yosua hwɛ ma wɔkyekyɛɛ Kanaan asase no mu maa mmusua a wonnyaa baabi ntrae no.

Mfe pii twaam, na Yosua wui a na wadi mfe 110. Bere dodow a ɔne ne nnamfonom te ase no, ɔman no tiee Yehowa. Na bere a nnipa pa yi wuwui no, nkurɔfo no fii ase yɛɛ nneɛma bɔne na ɛde ɔhaw baa wɔn so. Eyi ne bere a ná wohia Onyankopɔn hɔ mmoa ankasa.

Yosua 10:6-15; 12:7-24; 14:1-5; Atemmufo 2:8-13.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena