Ɔfã 1
‘NE TUMI YƐ HU’
Saa ɔfã yi mu no, yɛbɛhwɛ Bible mu nsɛm bi a edi adanse sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɔ ade, tumi a ɔde sɛe ade, tumi a ɔde bɔ ne nkurɔfo ho ban, ne tumi a ɔde siesie nneɛma a asɛe. Sɛ yehu sɛnea Yehowa Nyankopɔn a ‘ne tumi yɛ hu’ no de “n’ahoɔden pii” no yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛanya akokoduru ne anidaso.—Yesaia 40:26.