Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • od kr. 193-205
  • Ɔfã 2: Kristofo Abrabɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 2: Kristofo Abrabɔ
  • Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Wodɔ Wo Yɔnko sɛ Wo Ho’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nea Kristofo Bɛyɛ Ama Wɔn Aware Asɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
od kr. 193-205

NSƐMMISA A WƆNE WƆN A WƆPƐ SƐ WƆBƆ ASU SUSUW HO

Ɔfã 2: Kristofo Abrabɔ

Seesei, woasua Bible, na woahu nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ. Afei nso, woahu sɛnea wobɛbɔ wo bra ma ɛne n’apɛde ahyia. Esiane sɛ wode nea woasua no reyɛ adwuma nti, ebia woayɛ nsakrae pii wɔ w’asetena mu, na woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wobɔ wo bra. Afei a woasi wo bo sɛ wode Yehowa akwankyerɛ bɛbɔ wo bra yi, woyɛ asɛmpaka adwuma no bi a, Yehowa ani bɛsɔ. Sɛ wususuw nsɛmmisa a edidi so yi ho a, ɛbɛboa ma nea Yehowa hwehwɛ sɛ woyɛ no atena w’adwene mu, na akaakae wo nneɛma a wubetumi ayɛ na ama woabɛka n’asomfo a ogye wɔn tom no ho. Nsɛm yi bɛma woahu sɛ ɛho hia sɛ wode ahonim pa yɛ nneɛma nyinaa de hyɛ Yehowa anuonyam.—2 Kor. 1:12; 1 Tim. 1:19; 1 Pet. 3:16, 21. Baabi a woasua ade adu yi, ɛda adi sɛ afei de, wopɛ sɛ wobrɛ wo ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase na wode wo ho bɔ n’ahyehyɛde no. Yehowa na ɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, ɔno na ɔhyehyɛɛ abusua, na ɔno ara na wama kwan ma sodifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no redi tumi. Enti, nsɛmmisa ne Bible mu nsɛm a ɛka ho no bɛboa wo ma woahwɛ sɛ, sɛ yɛka sɛ brɛ wo ho ase ma Yehowa nhyehyɛe a, wote ase anaa. Afei nso, ɛbɛma w’ani asɔ nhyehyɛe a Yehowa nam so tete ne nkurɔfo na ɔhyɛ wɔn den wɔ honhom fam no paa. Nhyehyɛe no bi ne asafo nhyiam ahorow a wobɛkɔ na woanya mu kyɛfa sɛnea wo tebea bɛma wo kwan. Afei nso, ɔfã yi bɛma woahu nea enti a ɛho hia sɛ woyɛ Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no daa na woboa afoforo ma wohu Yehowa ne nea ɔreyɛ ama adesamma. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Awiei koraa no, ɛbɛma woahu sɛ wo ho so a woahyira ama Yehowa Nyankopɔn ne w’asubɔ no nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wode di agorɔ koraa. Nya awerɛhyem sɛ, sɛnea woayi wo yam agye hokwan soronko a Yehowa de adom wo no atom no, n’ani sɔ.

1. Gyinapɛn bɛn na Onyankopɔn de ama Kristofo wɔ aware ho? Dɛn ne ade baako pɛ a Bible ma kwan sɛ Kristoni betumi agyina so agyae aware?

• “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase, na ɔkae sɛ, ‘Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’? Enti wɔnyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu. . . . Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.”—Mat. 19:4-6, 9.

2. Adɛn nti na sɛ ɔbarima bi ne ɔbea bi te hɔ sɛ okunu ne ɔyere a, ɛsɛ sɛ wɔware wɔ ɔkwan pa so? Sɛ woaware a, woahwɛ ahu sɛ wowaree ɔkwan pa so, na aban gye w’aware no tom?

• “Kɔ so kae wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nyɛ osetie mma nniso ne tumi horow.”—Tito 3:1.

• “Mo nyinaa, momma aware ho mmra nyam, na munngu aware mpa ho fĩ, efisɛ Onyankopɔn bebu aguamammɔfo ne awaresɛefo atɛn.”—Heb. 13:4.

3. W’asɛde ne sɛn wɔ abusua no mu?

• “Me ba, tie wo papa nteɛso, na mpo wo maame mmara.”—Mmeb. 1:8.

• “Okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no . . . Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no.”—Efe. 5:23, 25.

• “Agyanom, monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.”—Efe. 6:4.

• “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa mu, na eyi na ɛsɔ ani Awurade mu.”—Kol. 3:20.

• “Mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom.”—1 Pet. 3:1.

4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu nkwa?

• ‘Onyankopɔn na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa. Ɛnam no so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ.’—Aso. 17:25, 28.

5. Ɛnsɛ sɛ yekum obiara. Abofra a ɔhyɛ yafunum mpo ɛnsɛ sɛ yekum no. Adɛn ntia?

• “Sɛ mmarima bi reko na wɔkɔpem ɔpemfo ma . . . bɔne bi si a, ɛnde ɔkra nsi ɔkra ananmu.”—Ex. 21:22, 23.

• “Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu, nna a wɔnwenee no, nanso na emu biako mpo nnya mmae.”—Dw. 139:16.

• “Yehowa kyi . . . nsa a ehwie mogya a edi bem gu.”—Mmeb. 6:16, 17.

6. Ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔ mogya ho ne sɛn?

• ‘Montwe mo ho mfi mogya ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu ho.’—Aso. 15:29.

7. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo?

• “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”—Yoh. 13:34, 35.

8. Nea ɛbɛyɛ na obi mfa nsanyare a ɛyɛ hu bi nsan afoforo no: (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ obi a nsanyare bi wɔ ne ho no yɛ obi atuu, ɔfew n’ano, anaa ɔyɛ biribi foforo a ɛte saa? (b) Sɛ ebinom mpɛ sɛ wɔto nsa frɛ no ba wɔn fie a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔma ɛhaw no? (d) Sɛ obi atena baabi a nsanyare wɔ pɛn anaa ɔne obi a nsanyare wɔ ne ho abɔ a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ofi ne pɛ mu kɔhwehwɛ ne mogya mu ansa na ɔne obi ayɛ aware nhyehyɛe? (e) Sɛ obi a ɔwɔ nsanyare pɛ sɛ ɔbɔ asu a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ odi kan ka ne yare no ho asɛm kyerɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo no?

• “Ɛnsɛ sɛ mode obiara ka biara sɛ ɔdɔ a mode bɛdodɔ mo ho. . . . ’Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Ɔdɔ nyɛ ne yɔnko bɔne.”—Rom. 13:8-10.

• “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”—Filip. 2:4.

9. Adɛn nti na Yehowa hwehwɛ sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn?

• “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Kol. 3:13.

10. Sɛ onua bi sɛe wo din anaa ɔbɔ wo apoo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

• “Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, kɔda ne mfomso adi kyerɛ no wo ne ɔno nkutoo ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua. Na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na ama asɛm biara agyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so. Sɛ wantie wɔn a, ka kyerɛ asafo no. Sɛ wantie asafo no nso a, bu no sɛ amanaman muni anaa towgyeni.”—Mat. 18:15-17.

11. Sɛn na Yehowa bu bɔne a edidi so yi?

▪ Aguamammɔ

▪ Ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu

▪ Ɔbarima a ɔne ɔbarima da anaa ɔbea a ɔne ɔbea da

▪ Korɔnbɔ

▪ Kyakyatow

▪ Asabow

• “Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo anaa abosonsomfo anaa awaresɛefo anaa mmarima a wɔde wɔn yɛ adapaade anaa mmarima a wɔne mmarima da anaa akorɔmfo anaa adifudepɛfo anaa asabofo anaa wɔn a wɔsopa afoforo anaa apoobɔfo rennya Onyankopɔn ahenni no.”—1 Kor. 6:9, 10.

12. Aguamammɔ ne nna mu nneyɛe ahorow a nnipa a wɔnyɛ awarefo de wɔn ho hyɛ mu no, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ ho?

• “Munguan aguamammɔ!”—1 Kor. 6:18.

13. Nnuru bi wɔ hɔ a sɛ obi nom anaa ɔtwe kɔ ne mu a, ɛka ne hɔ, na ebi nso wɔ hɔ a ɛma sɛnea obi yɛ n’ade sesa. Sɛ ɛnyɛ oduruyɛfo bi na wakyerɛ yɛn sɛ yɛmfa saa nnuru no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho?

• “Momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani, ɔsom kronn a adwene wom. Na mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.”—Rom. 12:1, 2.

14. Nneyɛe a adaemone hyɛ akyi a Onyankopɔn bara no, ebi ne dɛn?

• “Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: . . . nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo.”—Deut. 18:10, 11.

15. Sɛ obi yɛ bɔne a anibere wom na ɔpɛ sɛ ɔsan nya Yehowa anim dom a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ntɛm ara?

• “Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomso so bio. Mekae sɛ: ‘Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.’”—Dw. 32:5.

• “Mo mu bi yare anaa? Ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo na wɔmmɔ mpae mma no, na wɔnsra no ngo Yehowa din mu. Na gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den, na Yehowa bɛma no so. Na sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde befiri no.”—Yak. 5:14, 15.

16. Sɛ wunim sɛ wo yɔnko Kristoni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

• “Sɛ ɔkra bi te sɛ obi reka ntam, na ɔyɛ asɛm a asi no ho dansefo anaasɛ ohui anaa nso onim ho biribi na wanka a, wayɛ bɔne na ɛsɛ sɛ ɔsoa ne bɔne.”—Lev. 5:1.

17. Sɛ wɔbɔ asafo no amanneɛ sɛ obi nyɛ Yehowa Dansefo bio a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne onii no di?

• “Mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo anaa ɔpoobɔfo mmmɔ, na mo ne saa nipa no nnnidi mpo.”—1 Kor. 5:11.

• “Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fie na munnkyia no nso.”—2 Yoh. 10.

18. Ɛsɛ sɛ wo nnamfo paa yɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa. Adɛn ntia?

• “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.”—Mmeb. 13:20.

• “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”—1 Kor. 15:33.

19. Adɛn nti na Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu?

• “Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea [me, Yesu] menyɛ wiase no fã no.”—Yoh. 17:16.

20. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi aban mmara so?

• “Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase, na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Onyankopɔn; atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn sibea.”—Rom. 13:1.

21. Sɛ nnipa hyɛ mmara bi na ɛne Onyankopɔn mmara nhyia a, dɛn na wobɛyɛ?

• “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”—Aso. 5:29.

22. Sɛ worepɛ adwuma a wobɛyɛ a, kyerɛwnsɛm bɛn na ɛbɛboa wo na woamfa wo ho amfɔrefɔre wiase no?

• “Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman foforo so, na wɔrensua akodi bio.”—Mika 4:3.

• “Mumfi [Babilon Kɛse no] mu, me man, sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.”—Adi. 18:4.

23. Sɛ worepɛ biribi a wobɛyɛ de agyigye w’ani anaa wode begye w’ahome a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wopaw, na nea ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ wopo?

• “Obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, [Yehowa] kra kyi no koraa.”—Dw. 11:5.

• “Munkyi bɔne, mommata papa ho.”—Rom. 12:9.

• “Biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, monkɔ so nsusuw saa nneɛma yi ho.”—Filip. 4:8.

24. Adɛn nti na Yehowa Adansefo ne ɔsom ahorow mmom nsom?

• “Muntumi nnidi wɔ ‘Yehowa pon’ so ne adaemone pon so.”—1 Kor. 10:21.

• “‘Montew mo ho,’ Yehowa na ose, ‘na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew’; ‘na megye mo.’”—2 Kor. 6:17.

25. Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛbɛboa wo ama woahu sɛ ɛsɛ sɛ wudi afahyɛ bi anaa ɛnsɛ sɛ wudi?

• “Wɔde wɔn ho frafraa amanaman no, na wosuasuaa wɔn nnwuma. Wɔkɔsom wɔn ahoni, na esum wɔn afiri.”—Dw. 106:35, 36.

• “Awufo de, wonnim biribiara.”—Ɔsɛnk. 9:5.

• “Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.”—Yoh. 17:16.

• “Bere a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ nea amanaman no pɛ de mo ho hyɛɛ ahohwibra, akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe, anigye ntraso, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.”—1 Pet. 4:3.

26. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ eye sɛ wubedi awoda anaa enye sɛ wubedi a, Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛbɛboa wo?

• “Nnansa so a Farao redi n’awoda no, ɔtow pon maa ne nkoa nyinaa, na oyii nsahyɛfo panyin ne paanootofo panyin no fii adi wɔ ne nkoa no anim. Ɔsan de nsahyɛfo panyin no dibea maa no . . . Na paanootofo panyin no de, ɔsɛn no.”—Gen. 40:20-22.

• “Bere a wɔredi Herode awoda no, Herodia babea sawee wɔ ase ma ɛyɛɛ Herode fɛ yiye ma ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a obebisa. Ɛnna ne maame tutu guu n’asom ma ɔkae sɛ: ‘Fa Yohane Suboni ti to apampaa so ma me ha yi ara.’ Na ɔsoma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase.”—Mat. 14:6-8, 10.

27. Adɛn nti na wopɛ sɛ wutie mpanyimfo no akwankyerɛ?

• “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa; ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.”—Heb. 13:17.

28. Ɛho hia sɛ wo ne w’abusua yi bere si hɔ de kenkan Bible daa, na mosan yi bere si hɔ de sua daa. Adɛn ntia?

• “N’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo. Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsuten ho, a ɛsow aba ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ biara bewie yiye.”—Dw. 1:2, 3.

29. Adɛn nti na w’ani gye ho sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam na wode wo ho ahyem?

• “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; meyi wo ayɛ asafo mfinimfini.”—Dw. 22:22.

• “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”—Heb. 10:24, 25.

30. Dɛn ne adwuma a ɛho hia sen biara a Yesu de ama yɛn sɛ yɛnyɛ?

• “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mat. 28:19, 20.

31. Yɛreyi ntoboa de aboa Ahenni adwuma no, anaa yɛreboa yɛn nuanom a, yɛyɛ no sɛn a ɛnna ɛsɔ Yehowa ani?

• “Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam.”—Mmeb. 3:9.

• “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”—2 Kor. 9:7.

32. Ɔhaw ahorow bɛn na Kristofo hwɛ kwan sɛ nkurɔfo de bɛba wɔn so?

• “Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo anim no.”—Mat. 5:10-12.

33. Sɛ obi bɔ asu bɛyɛ Yehowa Dansefo a, ɛyɛ hokwan soronko paa. Adɛn ntia?

• ‘W’asɛm bɛyɛɛ ahurusi ne anigye wɔ me koma mu; wo din na ɛda me so, O Yehowa Nyankopɔn.’—Yer. 15:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena