Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 78 kr. 184-kr. 185 nky. 1
  • Yesu Kaa Ahenni No Ho Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Kaa Ahenni No Ho Asɛm
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Yesu Somaa Asuafo 70 sɛ Wɔnkɔka Asɛmpa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɔyɛɛ Adwuma Wɔ Galilea Nkuro Pii Mu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 78 kr. 184-kr. 185 nky. 1
Yesu ne ne suani bi reka asɛm no

ADESUA 78

Yesu Kaa Ahenni No Ho Asɛm

Yesu bɔɔ asu no, ankyɛ na ofii ase kyerɛkyerɛɛ sɛ: ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn.’ Yesu ne n’asuafo no tutuu akwan kɔɔ Galilea ne Yudea. Bere a ɔsan kɔɔ ne kurom Nasaret no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Obuee Yesaia nhoma mmobɔwee no mu, na ɔkenkan no den sɛ: ‘Yehowa ama me honhom kronkron sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aka asɛmpa no.’ Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ɛwom sɛ na nnipa pii pɛ sɛ Yesu yɛ anwanwade kyerɛ wɔn de, nanso nea enti paa a Onyankopɔn maa no honhom kronkron ne sɛ ɔde bɛka asɛmpa no. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔretie no no sɛ: ‘Ɛnnɛ na saa nkɔmhyɛ yi abam.’

Ɛno akyi no, Yesu kɔɔ Galilea Po no ho. Ɛhɔ na ohyiaa n’asuafo no mu nnan. Wɔn ne Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane. Ná wɔyi nam wɔ po mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mommra me nkyɛn, na mɛma moayi nnipa.’ Ntɛm ara na wɔgyae nnam a wɔyi no, na wɔbedii Yesu akyi. Wɔkɔɔ Galilea baabiara kɔkaa Yehowa Ahenni no ho asɛm. Wɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu, gua so, ne mmɔnten so. Nnipa bebree dii wɔn akyi ne wɔn kɔɔ baabiara a wɔkɔe. Yesu ho asɛm trɛw kɔɔ baabiara. Wɔn a wɔwɔ Siria nohoa mpo tee Yesu ho asɛm.

Akyiri yi, Yesu maa n’asuafo no bi tumi a wɔde bɛsa nkurɔfo yare, na wɔatu ahonhommɔne. Asuafo no bi nso ne Yesu kɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow akɛse mu ne nkuraase. Mmea anokwafo bi nso hwɛɛ Yesu ne n’asuafo no. Wɔn ne Maria Magdalene, Yoana, Susana, ne mmea foforo pii.

Yesu tetee n’asuafo no. Owiei no, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no. Bere a wɔreka asɛm no wɔ Galilea nsaase so nyinaa no, nnipa foforo nso bɛyɛɛ asuafo, na wɔbɔɔ asu. Ná nnipa bebree pɛ sɛ wɔbedi Yesu akyi, enti Yesu de wɔn totoo afuw bi a adu bere a ɛsɛ sɛ wɔtwa ho. Ɔkaa sɛ: ‘Mommɔ mpae na Yehowa nsoma adwumayɛfo bebree mmra mmetwa afuw no mu nneɛma.’ Akyiri yi, Yesu yii n’akyidifo no mu 70, na ɔsomaa wɔn mmienu mmienu ma wɔkɔkaa Ahenni no ho asɛm wɔ Yudea ne nkurow a ɛbɛn ho nyinaa. Wɔkaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nnipa ahorow nyinaa. Bere a asuafo no san baa Yesu nkyɛn no, na wɔpɛ ntɛm aka nea esii ho asɛm akyerɛ Yesu. Ɔbonsam antumi anyɛ biribiara ansiw asɛm a na wɔreka no kwan.

Yesu hwɛ huu sɛ, sɛ ɔkɔ soro a, n’asuafo no bɛtoa adwuma a ɛho hia yi so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Monkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔnhu Onyankopɔn Asɛm, na mommɔ wɔn asu.’

“Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.”—Luka 4:43

Nsɛmmisa: Adwuma bɛn na Yesu de maa n’asuafo no sɛ wɔnyɛ? Asuafo no tee nka sɛn wɔ adwuma no ho?

Mateo 4:17-25; 9:35-38; 28:19, 20; Marko 1:14-20; Luka 4:14-21; 8:1-3; 10:1-22

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena