Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 87 kr. 204-kr. 205 nky. 3
  • Yesu Anwummeduan a Etwa To

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Anwummeduan a Etwa To
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Nkradi Nsɛm no a Wotiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Awurade Anwummeduane
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Abansoro Dan Bi Mu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • ‘Monyɛ Eyi Mfa Nkae Me’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 87 kr. 204-kr. 205 nky. 3
Yesu ne n’asomafo anokwafo dubaako no de Awurade Anwummeduan no sii hɔ

ADESUA 87

Yesu Anwummeduan a Etwa To

Afe biara, na Yudafo di Twam Afahyɛ no Nisan da a ɛtɔ so 14. Bere bi, na wɔyɛ nkoa wɔ Egypt asaase so, nanso Yehowa gyee wɔn de wɔn kɔɔ Bɔhyɛ Asaase no so. Enti sɛ wɔdi afahyɛ no a, na ɛkae wɔn saa asɛm no. Afe 33 Y.B. no, Yesu ne n’asomafo no nso dii Twam Afahyɛ no wɔ abansoro bi mu wɔ Yerusalem. Wɔdidi wiei no, Yesu kaa sɛ: ‘Mo mu baako beyi me ama.’ Asɛm no yɛɛ asomafo no nwanwa paa, enti wɔbisaa Yesu sɛ: ‘Hena na ɔbɛyɛ saa?’ Yesu kaa sɛ: ‘Nea mede paanoo yi bɛma no no.’ Ɛnna ɔde paanoo sin no maa Yuda Iskariot. Yuda gyei ara pɛ na ofii dan no mu kɔe.

Afei Yesu bɔɔ mpae, na obubuu paanoo mu de maa asomafo a aka no. Ɛnna ɔkaa sɛ: ‘Munni paanoo yi. Eyi gyina hɔ ma me nipadua a mo nti mede bɛma.’ Ɛno akyi no ɔbɔɔ mpae guu bobesa so na ɔde maa asomafo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monnom bobesa yi. Eyi gyina hɔ ma me mogya a merebehwie agu na ama wɔatumi de nnipa bɔne akyɛ wɔn. Mehyɛ bɔ sɛ, mo ne me bedi hene wɔ soro. Afe biara munni afahyɛ yi mfa nkae me.’ Afe biara, edu saa anwummere no a, Yesu akyidifo hyia di afahyɛ no. Ɛnnɛ wɔfrɛ saa nhyiam no Awurade Anwummeduan.

Wɔdidi wiei no, asomafo no gyee nea ne ho hia paa ho akyinnye. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nea ne ho hia paa wɔ mo mu ne onipa a obu ne ho sɛ ɔyɛ ketewa na ne so nni mfaso.

‘Moyɛ me nnamfo. Asɛm biara a m’Agya pɛ sɛ meka kyerɛ mo no, maka akyerɛ mo. Ɛrenkyɛ mɛkɔ m’Agya nkyɛn wɔ soro. Ɛbɛka mo wɔ asaase so. Sɛ mododɔ mo ho a, nkurɔfo behu sɛ moyɛ m’akyidifo. Enti monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.’

Afei Yesu bɔɔ mpae, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ n’akyidifo nyinaa ho ban. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa n’akyidifo na wɔmmom mfa asomdwoe nyɛ biribiara. Ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa din ho ntew. Ɛno akyi no, Yesu ne n’akyidifo no too dwom de yii Yehowa ayɛ, na wɔpuei. Ná bere a wɔbɛkyere Yesu no abɛn.

“Nguankuw ketewa, munnsuro, efisɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde Ahenni no bɛma mo.”—Luka 12:32

Nsɛmmisa: Dɛn na Yesu de hyɛɛ asomafo no bɔ? Ade titiriw bɛn na Yesu kyerɛɛ asomafo no bere a na ɔne wɔn redi anwummeduan a etwa to no?

Mateo 26:20-30; Luka 22:14-26; Yohane 13:1, 2, 26, 30, 34, 35; 15:12-19; 17:3-26

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena