Ahonim
Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa ama onipa biara ahonim?
Hwɛ 2Ko 4:2 nso
Sɛ obi kɔ so yɛ bɔne a, dɛn na ebetumi ato n’ahonim?
Sɛ yɛreyɛ biribi na yɛte nka sɛ ɛyɛ adepa a, ɛno kyerɛ sɛ asɛm biara nni ho anaa?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Be 18:1-3; 19:1, 2—Yehowa bu fuw Ɔhene Yehosafat efisɛ ɔkɔboaa ɔhemmɔne Ahab
Aso 22:19, 20; 26:9-11—Ɔsomafo Paul kaa sɛ, bere bi na n’adwene yɛ no sɛ, sɛ ɔtan Kristo kyidini bi ani anaa okum no a wayɛ adepa
Yɛbɛyɛ dɛn atete yɛn ahonim yiye?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Sa 24:2-7—Ɔhene Dawid ahonim nti, wamfa ne nsa anka Ɔhene Saul a Yehowa asra no no
Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a bɔne wɔ wɔn ho atumi anya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim?
Efe 1:7; Heb 9:14; 1Pe 3:21; 1Yo 1:7, 9; 2:1, 2
Hwɛ Adi 1:5 nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Yes 6:1-8—Yehowa maa odiyifo Yesaia awerɛhyem sɛ ɔde ne bɔne bɛkyɛ no
Adi 7:9-14—Kristo afɔre a etumi popa bɔne no nti, nnipakuw kɛse no tumi ne Yehowa fa adamfo ma no yɛ yiye
Sɛ yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no kasa kyerɛ yɛn a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie?
Aso 24:15, 16; 1Ti 1:5, 6, 19; 1Pe 3:16
Hwɛ Ro 13:5 nso