Ahosohyira
Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yehyira yɛn ho so ma Yehowa Nyankopɔn?
Hwɛ Ex 20:5 nso
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn a, sɛn na ɛsɛ sɛ yehu Bible no?
Dw 119:105; 1Te 2:13; 2Ti 3:16
Hwɛ nea edidi so yi nso: Yoh 17:17; Heb 4:12
Dɛn na Onyankopɔn ayɛ a ɛma yetumi di bɔne so? Adɛn nti na ehia sɛ yɛgye saa nhyehyɛe no tom?
Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔbra a na yɛbɔ no kan no, yɛanu yɛn ho wɔ ho?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Lu 19:1-10—Sakeo a na ɔyɛ wɔn a wɔgyigye tow no mpanyimfo no baako no gyaee nsisi, na sika biara a ɔnam ɔkwammɔne so gye fii ɔmanfo hɔ no, ɔsan de wɔn ade maa wɔn; nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ na wanu ne ho
1Ti 1:12-16—Ɔsomafo Paul kyerɛɛ nea enti a ɔgyaee ɔbra a na ɔwom kan no; ɔkaa sɛ Onyankopɔn ne Kristo huu no mmɔbɔ de ne bɔne kyɛɛ no
Sɛ yegyae nneɛma bɔne yɛ a, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
Abrabɔ ho akwankyerɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma na ama yɛasom Yehowa yiye?
1Ko 6:9-11; Kol 3:5-9; 1Pe 1:14, 15; 4:3, 4
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Ko 5:1-13—Ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Korintofo asafo no sɛ, ɔbarima bi a na wabɔ aguaman no, wɔntu no mfi asafo no mu
2Ti 2:16-19—Ɔsomafo Paul bɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ, awaefo nsɛm a ɛtrɛw te sɛ yare bɔne no, ɔntwe ne ho mfi ho
Sɛ ɛba no wiase nsɛmnsɛm a, ɔfã bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo gyina?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Yoh 6:10-15—Bere a Yesu faa anwanwakwan so maa nnipadɔm bi aduan wiei no, wɔyɛe sɛ wɔbesi no hene, nanso Yesu twee ne ho fii wɔn ho
Yoh 18:33-36—Yesu kyerɛɛ mu sɛ, n’Ahenni ne wiase amanyɔsɛm nni hwee yɛ
Sɛn na honhom kronkron boa yɛn ma yɛsom Onyankopɔn ?
Hwɛ nea edidi so yi nso: Aso 20:28; Efe 5:18
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Aso 15:28, 29—Honhom kronkron boaa akwankyerɛ kuw a ɛwɔ Yerusalem no ma wɔsii gyinae bi a ɛho hia faa twetiatwa ho
Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea Yesu Kristo som Onyankopɔn no?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so bɔ asu?
Mt 28:19, 20; Aso 2:40, 41; 8:12; 1Pe 3:21
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mt 3:13-17—Yesu bae sɛ ɔrebɛyɛ n’Agya apɛde, na ɔbɔɔ asu de yɛɛ ɛho nsɛnkyerɛnne
Aso 8:26-39—Etiopiani ahemfie panyin bi a wasakra abɛyɛ Yudani behuu Yesu Kristo ho nokwasɛm, na ɔma wɔbɔɔ no asu