Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 96-97
  • Nteɛso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nteɛso
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 96-97

Nteɛso

Sɛ yɛrepɛ nteɛso a edi mu a, adɛn nti na yɛrentumi nsian Bible ho?

Mme 1:1-3; 2Ti 3:16

Adɛn nti na yɛn nyinaa hia akwankyerɛ ne nteɛso?

Mme 16:2, 25; Yer 10:23

Hwɛ Yer 17:9 nso

Dɛn na ɛka Yehowa ma ɔteɛ yɛn so?

Mme 3:11, 12; Heb 12:7-9

Hwɛ nea edidi so yi nso: De 8:5; Mme 13:24; Adi 3:19

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Sa 12:9-13; 1Ah 15:5; Aso 13:22—Ɛwom sɛ Ɔhene Dawid yɛɛ bɔne a anibere wom de, nanso Yehowa teɛɛ ne so, na ɔde kyɛɛ no

    • Yon 1:1-4, 15-17; 3:1-3—Yehowa teɛɛ odiyifo Yona so efisɛ ɔsomaa no no, oguanee; nanso Yehowa de kyɛɛ Yona, na ɔsan somaa no

Adɛn nti na sɛ Onyankopɔn teɛ yɛn so a, ɛyɛ papa sɛ yegye tom?

Mme 9:8; 12:1; 17:10; Heb 12:5, 6

Hwɛ 2Be 36:15, 16 nso

Wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nteɛso ntom no, dɛn na ɛbɛto wɔn?

Mme 1:24-26; 13:18; 15:32; 29:1

Hwɛ Yer 7:27, 28, 32-34 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yer 5:3-7—Bere a Onyankopɔn teɛɛ ne nkurɔfo so no, wɔantie, na wɔansesa wɔn akwan, enti Yehowa de nteɛso a emu yɛ den maa wɔn

    • Sef 3:1-8—Yerusalemfo annye Yehowa nteɛso antom, na ewiee wɔn bɔne

Sɛ yegye Yehowa nteɛso tom a, mfaso bɛn na ɛde ba?

Mme 4:13; 1Ko 11:32; Tit 1:13; Heb 12:10, 11

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • De 30:1-6—Odiyifo Mose hyɛɛ nkɔm sɛ, sɛ Yehowa teɛ ne nkurɔfo so na wɔgye tom a, Yehowa behyira wɔn

    • 2Be 7:13, 14—Yehowa maa Ɔhene Solomon huu nhyira a ɛwom sɛ obi begye Yehowa nteɛso atom

Sɛ wɔteɛ obi so a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua biribi fi mu?

1Ko 10:6-11; 1Ti 5:20

Sɛ wɔde nteɛso a emu yɛ den ma obi a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedi ho ahurusi?

Mme 17:5; 24:17; Ob 12

Sɛ yebenya Onyankopɔn nteɛso ne n’afotu so mfaso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Yos 1:8; Yak 1:25

Hwɛ nea edidi so yi nso: De 17:18, 19; Dw 119:97

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Be 22:11-13—Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ, sɛ ɔkɔ so di Yehowa akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ a, Yehowa behyira no

    • Dw 1:1-6—Wɔn a wɔkenkan Yehowa mmara na wɔdwinnwen ho no, Yehowa se obehyira wɔn

Adɛn nti na awofo a wɔdɔ wɔn mma teɛ wɔn so?

Hwɛ “Abusua”

Sɛ awofo teɛ wɔn mma so a, dɛn na ɛsɛ sɛ mmofra no yɛ?

Hwɛ “Abusua—Mma Mmarima Ne Mma Mmea”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena