Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 42-44
  • Animia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Animia
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 42-44

Animia

Ehia sɛ Yehowa asomfo mia wɔn ani anaa?

1Ko 13:4, 7; 1Ti 6:11; 2Pe 1:5, 6

Yɛyɛ dɛn hu sɛ asɛmpa a yɛka no, ebinom rentie, na ebinom nso bɛko atia?

Mt 10:22; Yoh 15:18, 19; 2Ko 6:4, 5

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Pe 2:5; Ge 7:23; Mt 24:37-39—Noa ‘kaa trenee ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo,’ nanso wɔn mu pii antie no; ɔne n’abusua nko ara na wɔnyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu

    • 2Ti 3:10-14—Ɔsomafo Paul kaa ɔhaw ne ɛyaw a ɔfaa mu no ho asɛm kyerɛɛ Timoteo, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔno nso mfa animia nnyina ɔhaw ano

Yehowa som nti yɛn abusuafo tan yɛn ani a, adɛn nti na ɛnyɛ yɛn nwanwa?

Mt 10:22, 36-38; Lu 21:16-19

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 4:3-11; 1Yo 3:11, 12—Kain kum ne nua Habel efisɛ na ne nnwuma yɛ bɔne, na na ne nua Habel nnwuma tene

    • Ge 37:5-8, 18-28—Yosef nuanom tow no too abura bi mu, na akyiri yi wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu; ade baako nti a wɔyɛɛ saa ne sɛ, ɔkaa dae bi a Onyankopɔn ma ɔsoe kyerɛɛ wɔn

Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yebewu?

Mt 10:28; 2Ti 4:6, 7

Hwɛ Adi 2:10 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Da 3:1-6, 13-18—Bere a wɔhunahunaa Sadrak, Mesak, ne Abednego sɛ, sɛ wɔansom bosom a wɔbekum wɔn no, wɔansuro, mmom wɔkɔɔ so dii Yehowa nokware

    • Aso 5:27-29, 33, 40-42—Nkurɔfo bɔɔ asomafo no ntrɛnee sɛ, sɛ wɔannyae asɛnka adwuma no a, wɔbekum wɔn. Nanso asomafo no annyae; mmom wɔkɔɔ so de animia kaa asɛmpa no

Sɛ wɔteɛ yɛn so mpo a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so adi Yehowa nokware?

Mme 3:11, 12; Heb 12:5-7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Nu 20:9-12; De 3:23-28; 31:7, 8—Bere a Yehowa teɛɛ Mose so no, n’abam bui de, nanso ɔkɔɔ so som Yehowa kosii owu mu

    • 2Ah 20:12-18; 2Be 32:24-26—Bere a Ɔhene Hesekia yɛɛ bɔne no, Yehowa kaa n’anim, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom, na ɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa

Sɛ ebinom gyae Yehowa som a, adɛn nti na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so asom Yehowa?

Yer 1:16-19; Hab 1:2-4

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Dw 73:2-24—Bere a odwontofo no huu asomdwoe ne ahonyade a nnebɔneyɛfo wɔ no, na ɛyɛ no sɛ mfaso nni so sɛ ɔbɛkɔ so asom Yehowa

    • Yoh 6:60-62, 66-68—Ɛwom sɛ nnipa bebree gyaee Yesu akyidi, nanso gyidi a na ɔsomafo Petro wɔ nti, ɔkɔɔ so dii Yesu akyi

Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛde animia asom Yehowa akosi ase?

Bata Yehowa Ho

De 30:19, 20; Ro 15:5, 6; 1Ko 10:13

Fi wo komam bɔ Yehowa mpae daa

Ro 12:12; Kol 4:2; 1Pe 4:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Da 6:4-11—Wɔbɔɔ odiyifo Daniel ho pɔw bɔne, nanso ɔkɔɔ so bɔɔ mpae daa a wamfa ne ho ansie

    • Mt 26:36-46; Heb 5:7—Ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae denneennen, na ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ saa ara

Hyɛ wo gyidi den

Efe 6:16; 1Yo 5:4; Yuda 20, 21

Kɔ so ne wo nuanom Kristofo nhyiam nsom

Ro 1:11, 12; Heb 10:23-25

Nneɛma a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no, fa w’adwene si so

Ro 8:25; 1Te 1:3; Heb 11:6; 12:1, 2

Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne wo nuanom Kristofo no, hyɛ mu den, na nneɛma a ɛtene wɔ Yehowa ani so no, ma w’ani nnye ho

Mt 6:33; 1Ko 13:4-7; 1Te 3:12, 13; 1Yo 4:18, 19

Sua Onyankopɔn Asɛm Bible na dwinnwen ho

Ɔsɛ 7:12; Ro 15:4; Kol 1:10, 11; 2Pe 3:15-18

Wuhyia sɔhwɛ a, kae sɛ, wudi nokware kosi ase a, Yehowa ani begye

Aso 5:40, 41; Yak 1:2-4; 1Pe 3:14; 4:14, 16

Sɛ yemia yɛn ani som Yehowa a, dɛn na efi mu ba?

Ɛboa yɛn ma asɛnka adwuma no kɔ yiye

Ɔsɛ 11:6; Lu 8:15; 2Pe 1:5-8

Yenya Yehowa nhyira ne n’anim dom

Mt 24:13; Lu 21:19; 1Ko 15:58; Heb 10:36

Hwɛ nea edidi so yi nso: Ro 2:6, 7; Yak 1:12

Yɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔn nso mia wɔn ani gyina sɔhwɛ mu

Flp 1:13, 14; Yak 5:10, 11

Yɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam

Mme 27:11; Yoh 15:7, 8; 1Pe 1:6, 7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Hio 1:6-12; 2:3-5—Satan kaa sɛ, ɛnyɛ Hiob komam na ofi som Yehowa, na mmom nea onya fi Yehowa hɔ ntia. Ná ɛsɛ sɛ Hiob mia n’ani gyina sɔhwɛ mu, na ama ada adi sɛ Satan sobo no yɛ atoro

    • Ro 5:19; 1Pe 1:20, 21—Yesu dii nokware kosii owu mu, na ɛma yenyaa asɛm bi a ehia paa ho mmuae. Ɛne sɛ: Sɛ wɔsɔ onipa a bɔne biara nni ne ho hwɛ a, obetumi ayɛ nea Adam antumi anyɛ na wadi nokware akosi ase anaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena