Koma
Dɛn na ɛma yehu sɛ, Bible ka koma a, ɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu, nea yedwinnwen ho, yɛn suban, ne sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho?
Dw 49:3; Mme 16:9; Lu 5:22; Aso 2:26
Hwɛ nea edidi so yi nso: De 15:7; Dw 19:8
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Lu 9:46-48—Yesu hui sɛ, n’asuafo no ani bere dibea wɔ wɔn komam, enti otuu wɔn fo
Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛbɔ yɛn koma ho ban?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 6:5-7—Esiane sɛ na nnipa komam nsusuwii nyinaa yɛ bɔne nti, wɔdii nsɛmmɔne, na ɛmaa Onyankopɔn de Nsuyiri baa asaase nyinaa so
1Ah 11:1-10—Ɔhene Solomon ammɔ ne koma ho ban, enti ɔwaree aman foforo so mmea, na wɔdanee ne koma fii Yehowa ho
Mr 7:18-23—Yesu kaa sɛ, nneɛma a etumi gu nnipa ho fĩ wɔ Onyankopɔn ani so nyinaa, komam na efi
Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn koma ho ban?
Dw 19:14; Mme 3:3-6; Lu 21:34; Flp 4:8
Hwɛ nea edidi so yi nso: Esr 7:8-10; Dw 119:11
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Efe 6:14-18; 1Te 5:8—Bere a ɔsomafo Paul reka honhom fam akode ho asɛm no, ɔkaa sɛ trenee, gyidi, ne ɔdɔ tumi bɔ yɛn koma ho ban, sɛnea nkatabo bɔ koma ankasa ho ban no
Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ yɛn koma ho?
Hwɛ Mme 6:12-14 nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Be 25:1, 2, 17-27—Ahyɛase no, Ɔhene Amasia yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so, nanso na ne koma nni mu, na ewiee ase no, ɔmaa ne ho so, na wanni nokware, na ɛkɔfaa ɔhaw bae
Mt 7:17-20—Yesu kaa sɛ, sɛnea dua bɔne sow aba bɔne no, nea ɛwɔ obi komam nso nye a, nneɛma bɔne na ɔbɛyɛ
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn komam tew, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?
Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 119:97, 104; Ro 12:9-16; 1Ti 1:5
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Ah 20:1-6—Bere bi a anka Ɔhene Hesekia rebewu no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ sɛnea ɔde koma a edi mũ asom no, na onhu no mmɔbɔ
Mt 21:28-32—Yesu maa mfatoho de kyerɛe sɛ, nea obi yɛ no, ɛno na ɛkyerɛ nea ɛwɔ ne komam, ɛnyɛ nsɛm a ɔde n’ano ka
Adɛn nti na nim a yenim sɛ Yehowa hu nea ɛwɔ yɛn koma mu no ma yɛn ani gye?
Hwɛ 1Sa 2:3 nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Sa 16:1-13—Odiyifo Samuel behui sɛ Yehowa nhwɛ sɛnea obi te, ne tenten ne ne kɛse, na mmom nea ɛwɔ obi koma mu na ehia no
2Be 6:28-31—Mpae a Ɔhene Solomon bɔe bere a wɔrehyira Yehowa asɔrefie no so no ma yehu sɛ Yehowa nim nea ɛwɔ yɛn komam nyinaa, na ɔhwɛ ho boa yɛn