Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 11-12
  • Abodin; Nsammrane

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abodin; Nsammrane
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 11-12

Abodin; Nsammrane

Ɛyɛ papa sɛ Kristofo bɔ nyamesom mu mpanyimfo nsammrane?

Yoh 5:41

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 18:18, 19—Ɛwom sɛ na Yesu yɛ onipa pa, nanso bere a obi frɛɛ no “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa” no, wampene; mmom ɔkaa sɛ obiara nyɛ papa gye Yehowa

Adɛn nti na Kristofo mfa nyamesom mu abodin te sɛ “Agya” anaa “Kannifo” mfrɛ nkurɔfo?

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 23:9-12—Yesu kaa sɛ mma yɛmmfa mmrane te sɛ “Agya” anaa “Kannifo” mmfrɛ obiara

    • 1Ko 4:14-17—Nnipa pii faa ɔsomafo Paul sɛ wɔn papa, nanso yɛante no baabiara sɛ obi refrɛ no Paapa Paul anaa biribi saa

Adɛn nti na ɛyɛ ne kwan so sɛ Kristofo bebu wɔn ho wɔn ho sɛ anuanom, na obiara afrɛ ne yɔnko onua anaa onuawa??

Mt 23:8

Hwɛ nea edidi so yi nso: Aso 12:17; 18:18; Ro 16:1

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 12:46-50—Yesu kaa no pefee sɛ wɔn a ɔne wɔn resom Yehowa no nyinaa yɛ ne nuanom

Wiase atumfoɔ, amanyɔfo, atemmufo, ne mpanyimfo afoforo no, adɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ Kristofo de wɔn abodin bɛfrɛ wɔn?

Ro 13:1, 7; 1Pe 2:17

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 26:1, 2, 25—Ɔsomafo Paul de wiase atumfoɔ te sɛ Agripa ne Festo abodin frɛɛ wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena