Gyidi Afrafra
Onyankopɔn baako no ara na nyamesomfo nyinaa som no anaa?
Ɔsom pii a ɛsono ebiara nkyerɛkyerɛ no, Yehowa ani gye ne nyinaa ho anaa?
Mt 7:13, 14; Yoh 17:3; Efe 4:4-6
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Yos 24:15—Yosua maa emu daa hɔ sɛ obi rentumi nsom Yehowa nsan nsom anyame foforo; gye sɛ oyi mu baako
1Ah 18:19-40—Yehowa nam ne somfo Elia so kyerɛe sɛ, nokware Nyankopɔn asomfo rentumi nsom anyame foforo te sɛ Baal nka ne ho
Amanaman no anyame no, sɛn na Yehowa hu wɔn; na sɛ obi kɔsom wɔn a, sɛn na Yehowa te nka?
Obi ka sɛ ɔsom Yehowa na sɛ ɔde nneɛma a Yehowa kyi frafra ne som mu a, sɛn na Yehowa bɛte nka?
Yes 1:13-15; 1Ko 10:20-22; 2Ko 6:14, 15, 17
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ex 32:1-10—Israelfo no teetee Aaron ma ɔyɛɛ nantwi ba honi maa wɔn, na wɔkaa sɛ wɔde redi “Yehowa afahyɛ”; wei maa Yehowa bo fuwii paa
1Ah 12:26-30—Ná Ɔhene Yeroboam mpɛ sɛ ne nkurɔfo bɛkɔ akɔsom wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, enti ɔyɛɛ ahoni, na ɔkaa sɛ egyina hɔ ma Yehowa; wei maa ɔman no yɛɛ bɔne
Wɔn a wɔsom anyame foforo no, dɛn na Yehowa ka faa wɔn ho kyerɛɛ Israelfo no a ɛma yehu sɛ na ɔmpɛ sɛ Israelfo no de wɔn ho bɔ wɔn?
Bere a Yehowa nkurɔfo kɔsom anyame foforo no, dɛn na Yehowa yɛe?
Ate 10:6, 7; Dw 106:35-40; Yer 44:2, 3
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Ah 11:1-9—Aman foforo so mmea a Ɔhene Solomon waree wɔn no twetwee no ma ɔkɔsom anyame foforo, na afoforo nso dii n’akyi; wei maa Yehowa bo fuw no
Dw 78:40, 41, 55-62—Asaf kaa sɛ, bere a Israelfo tew atua na wɔkɔsom anyame foforo no, ɛyɛɛ Yehowa yaw, na ɛma ɔpoo ne nkurɔfo no
Dɛn na Yesu ka faa nyamesom nkyerɛkyerɛ a ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia ho?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mt 16:6, 12—Yesu de Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ totoo mmɔkaw ho efisɛ atoro nkyerɛkyerɛ trɛw ntɛm, na nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, ɛsɛe no
Mt 23:5-7, 23-33—Akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo a wɔkyerɛkyerɛɛ atosɛm no, Yesu kasa tiaa wɔn denneennen
Mr 7:5-9—Akyerɛwfo ne Farisifo no, Yesu bɔɔ wɔn akyi sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm too nkyɛn kodii nnipa amammerɛ akyi
Yesu kaa sɛ n’akyidifo no biara betumi akɔtew ɔno ara n’asɔre anaa?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Yoh 15:4, 5—Yesu de bobe dua yɛɛ mfatoho de kyerɛe sɛ, ɛsɛ sɛ n’asuafo nyinaa yɛ baako, na wɔne ɔno nso yɛ baako
Yoh 17:1, 6, 11, 20-23—Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa mma n’akyidifo anokwafo nyinaa nyɛ baako
Kristofo nsafo a na ɛwɔ asomafo no bere so no, na wɔn nyinaa gyidi ne sɛnea wɔsom Yehowa no yɛ baako anaa?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Aso 11:20-23, 25, 26—Nsafo a na ɛwɔ Antiokia ne Yerusalem no, na wɔyɛ nneɛma bom, na na baakoyɛ wɔ wɔn ntam
Ro 15:25, 26; 2Ko 8:1-7—Nsafo a na ɛwɔ asomafo no bere so no yii wɔn yam boaa wɔn nuanom a wɔakɔ ahokyere mu, na ɛno ma yehu sɛ na wɔdodɔ wɔn ho, na na wɔyɛ baako
Sɛ ebinom ka sɛ wɔgye Kristo di a, ɛno ara kyerɛ sɛ wɔn som sɔ Onyankopɔn ani anaa?
Sɛ ɔsom bi mufo mfa Kristo ne asomafo no nkyerɛkyerɛ nyɛ adwuma a, wɔn som no sɔ ani anaa?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mt 13:24-30, 36-43—Yesu maa mfatoho bi de kyerɛe sɛ, atoro Kristofo pii bɛba abewurawura asafo no mu, sɛnea nwura bɔne fifi wɔ afuw mu no
1Yo 2:18, 19—Ɔsomafo Yohane a n’ani afi no kaa sɛ ne bere so no, na wɔn a wɔsɔre tia Kristo bebree aba dedaw