Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 49-53
  • Aware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aware
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 49-53

Aware

Ɛyɛɛ dɛn na aware bae?

Ge 1:27, 28; 2:22-24; Mt 19:4-6

Hena na ɛsɛ sɛ Kristoni ware no?

Adɛn nti na nokware Kristoni rempene so mma ne babarima anaa ne babea a wabɔ asu nware obi a ɔnyɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so abɔ asu?

1Ko 7:39; 2Ko 6:14, 15

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 24:1-4, 7—Abraham a na wabɔ akwakoraa no sii ne bo sɛ ɔremma ne ba Isak nware Kaananfo a wɔnsom Yehowa no bi; mmom, ɔpɛɛ yere a ɔsom Yehowa maa no

    • Ge 28:1-4—Isak ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ mma ɔnnware Kaananni bea, mmom ɔnware ɔbea a ɔno nso som Yehowa

Sɛ obi ware obi a ɔnsom Yehowa a, Yehowa hu no sɛn?

De 7:3, 4

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 11:1-6, 9-11—Ɔhene Solomon amfa Yehowa akwankyerɛ anyɛ adwuma, ɔwaree aman foforo so mmea, na ɔmaa wɔdan ne koma fii Yehowa ho. Ɛno nti, Yehowa bo fuw no

    • Ne 13:23-27—Amrado Nehemia suasuaa Yehowa. Ne manfo a wɔaman afi Yehowa ho akɔwareware aman foforo so mmea no, ɔteɛɛ wɔn so, na ɔboaa wɔn ma wɔsesaa wɔn akwan

Sɛ yɛrepɛ obi aware a, adɛn nti na nyansa wom sɛ yɛpɛ obi a ɔde nokwaredi som Yehowa, na ɔwɔ din pa?

Mme 18:22; 31:10, 28

Hwɛ Efe 5:28-31, 33 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 25:2, 3, 14-17—Ná Nabal wɔ sika paa, nanso na n’asɛm yɛ den, na na n’ano yɛ yaw; enti ná ɛnyɛ ne so ne ne yere ne Abigail

    • Mme 21:9—Sɛ yɛrekɔ aware, na yɛanhwehwɛ ɔhokafo a ɔfata a, yɛn ani rennye, na yɛrennya asomdwoe

    • Ro 7:2—Ɔsomafo Paul kyerɛɛ mu sɛ, ɛwom sɛ bɔne wɔ mmarima ho de, nanso Yehowa ama wɔn kwan sɛ wɔnni wɔn abusua anim. Wei kyerɛ sɛ, sɛ ɔbea ware a, na wabɛhyɛ ne kunu ase. Enti ɔbea a n’ani da fam no, odwen ho yiye ansa na wapaw ɔbarima a ɔbɛyɛ ne kunu

Ahoboa a ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woakɔ aware

Ɛsɛ sɛ ɔbarima hwɛ hu sɛ obetumi ahwɛ abusua ansa na waware. Adɛn ntia?

1Ti 5:8

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mme 24:27—Ansa na ɔbarima bi bɛware na ebia wawo mma no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwumaden a ɛbɛma watumi ahwɛ ne yere ne ne mma

Sɛ nnipa mmienu ayɛ nhyehyɛe rehwɛ sɛ wɔbetumi aware a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ afotu pa, na wɔhu wɔn ho yiye sen sɛ wɔde wɔn adwene besi ahoɔfɛ so?

Mme 13:10; 1Pe 3:3-6

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ru 2:4-7, 10-12—Boas hwɛɛ sɛnea Rut yɛ adwuma, sɛnea nkurɔfo di ne ho adanse pa, suban a ɔda no adi wɔ fie, ne sɛnea ɔne Yehowa ntam ayɔnkofa te

    • Ru 2:8, 9, 20—Rut hwɛɛ sɛnea Boas yam ye, sɛnea ɔyɛ afoforo adɔe, ne sɛnea ɔne Yehowa ntam te

Nnipa mmienu a wɔayɛ nhyehyɛe rehwɛ sɛ wɔbetumi aware anaa wɔasi gyinae sɛ wɔbɛware no, adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔamfa wɔn ho anhyɛ aguamammɔ anaa ɔbra fĩ mu?

Ga 5:19; Kol 3:5; 1Te 4:4

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mme 5:18, 19—Nneɛma bi wɔ hɔ a, awarefo nko ara na wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho

    • Nmd 1:2; 2:6—Bere a oguanhwɛfo no ne Sulamni ababaa no yɛɛ aware nhyehyɛe no, wɔkyerɛe sɛ wɔdodɔ wɔn ho, nanso wɔamma nna ho akɔnnɔ ampiapia wɔn amma wɔanyɛ biribi a ɛmfata

    • Nmd 4:12; 8:8-10—Ná Sulamni ababaa no tumi hyɛ ne ho so, na na n’abrabɔ ho tew; ná ɔte sɛ turo a wɔato mu

Nnipa mmienu pɛ sɛ wɔware a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔware wɔ mmara kwan so?

Mt 22:21; Ro 13:1; Tit 3:1

Okunu asɛde

Asɛde a emu yɛ duru bɛn na Yehowa de ahyɛ okunu nsa?

Efe 5:23, 25, 28-31, 33

Hena na ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ Kristoni suasua no na ama watumi adi ne tiyɛ ho dwuma yiye?

1Ko 11:3; Efe 5:23

Adɛn nti na ehia paa sɛ okunu ma ne yere hu sɛ ɔte n’ase na ɔdɔ no?

Kol 3:19; 1Pe 3:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 21:8-12—Ɛwom sɛ asɛm a Sara kae no, Abraham ani annye ho de, nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ontie ne yere

    • Mme 31:10, 11, 16, 28—Ɔyere pa a kyerɛwnsɛm yi ka ne ho asɛm no, ne kunu yɛ onyansafo, ɔnhyɛ ne so, na ɔnhwehwɛ ne ho mfomso; mmom, ogye ne yere di, na oyi no ayɛ

    • Efe 5:33—Nsɛm a Yehowa maa ɔsomafo Paul kyerɛwee no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyere hu na ɔte nka paa sɛ ne kunu dɔ no

Ɔyere asɛde

Asɛde a ehia paa bɛn na Yehowa de ahyɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni nsa?

Ge 2:18; Kol 3:18; Tit 2:4, 5

Adwuma a wɔde ahyɛ ɔyere nsa no, ɛkyerɛ sɛ ɔnsɛ hwee anaa?

Ge 1:26-28, 31; 2:18

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mme 1:8; 1Ko 7:4—Onyankopɔn ama ɔyerenom ne mmaatan tumi bi wɔ abusua no mu

    • 1Ko 11:3—Ɔsomafo Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Yehowa nhyehyɛe mu no, obiara hyɛ obi tiyɛ ase gye ɔno a ɔyɛ ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn no

    • Heb 13:7, 17—Asafo no mu no, ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea nyinaa brɛ wɔn ho ase na wɔyɛ osetie ma wɔn a wɔdi wɔn anim no

Dɛn na ɔyere a ɔyɛ Kristoni a ne kunu nyɛ gyidini betumi ayɛ ama Yehowa ani agye?

1Ko 7:13-16; 1Pe 3:1, 2

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni kɔ so nya obu ma ne kunu?

Efe 5:33

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 18:12; 1Pe 3:5, 6—Ná Sara bu ne kunu paa; ne koma mu mpo, na obu no sɛ ne “wura,” anaa nea odi abusua no anim ma wɔsom Yehowa

Ɔyere bɛn na Bible yi no ayɛ?

Mme 19:14; 31:10, 13-31

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 24:62-67—Rebeka boaa ne kunu Isak maa ne werɛ kyekyee wɔ ne maame wu akyi

    • 1Sa 25:14-24, 32-38—Abigail fi ahobrɛase mu srɛɛ Dawid sɛ onhu ɔne ne fiefo mmɔbɔ; nea ɔyɛe no bɔɔ ne kunu gyimifo no ne ne fiefo a aka no ho ban

    • Est 4:6-17; 5:1-8; 7:1-6; 8:3-6—Ɔhemmaa Ester de ne nkwa too ne nsam kɔɔ ne kunu a ɔyɛ ɔhene no hɔ mprenu bere a na ɔmfrɛɛ no, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban

Sɛnea mubesiesie mo ntam nsɛmnsɛm

Nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa awarefo ama wɔasiesie nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ aware mu?

1Ko 13:4-8; Efe 5:33; Kol 3:12-14

Nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa awarefo ama wɔanya sika ho adwempa?

Lu 12:15; Flp 4:5; 1Ti 6:9, 10; Heb 13:5

Hwɛ “Sika” nso

Nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa awarefo ama wɔasiesie nsɛmnsɛm a abusuafo ne nsenom ma ɛsɔre wɔ wɔn aware mu?

Dw 34:14; Mt 19:5, 6; 1Ko 13:4, 5

Ɛba ɔbarima ne ɔbea nna a, nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa awarefo?

Mme 5:15-20; Mt 5:27, 28; 1Ko 7:3-5; 10:24; Flp 2:4; Heb 13:4

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awarefo de wɔn adwene si wɔn mu biara suban pa so sen sɛ wɔde besi wɔn mmerɛwyɛ so?

Dw 103:14; 130:3, 4; Mme 17:9; 1Pe 4:8

Nsɛmnsɛm sɔre a, adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ awarefo fi ɔdɔ mu siesie no ntɛm sen sɛ wɔde bɛhyɛ wɔn mu anaa wɔbɛma wɔn bo afuw?

Dw 37:8; Mme 14:29; Efe 4:26, 27; Yak 1:19, 20

Koko bɔne, nkekawmu, atɛnnidi, ne obi hokafo a ɔboro no anaa ɔhyɛ da pira no yɛ suban a ɛnsɛ sɛ Kristoni da no adi da. Adɛn ntia?

Dw 11:5; Ga 5:19-21; Efe 4:31, 32; Tit 3:2

Sɛ awarefo adwene nhyia wɔ biribi ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa de si wɔn ani so?

Dw 34:14; Mt 5:9; Ro 12:17, 18, 21

Aware a Yehowa yɛ ne fapem no, nhyira bɛn na ɛwom?

Ɔsɛ 4:9-12

Yehowa mmara a ɛfa aware ho

Mmara bɛn na Yehowa ahyehyɛ afa ɔbarima ne ɔbea nna ne aware ho?

Mme 6:32; Mt 5:27, 28; 1Ko 6:9, 10; Heb 13:4

Kristoni wɔ hokwan sɛ ɔware boro baako anaa?

Mt 19:8, 9; 1Ko 7:2; 1Ti 3:2, 12

Ɔbea ne ɔbarima nko ara na ɛsɛ sɛ wɔware. Yɛyɛ dɛn hu saa?

Ge 2:18, 22, 24; Mt 19:4-6; Ro 1:23-27

Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ awarefo gyae aware?

Mr 10:6-9; Ro 7:2, 3; 1Ko 7:10, 11

Dɛn ne ade baako pɛ a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Kristofo betumi agyina so agyae aware?

Mt 5:32; 19:9

Sɛ biribiara kɛkɛ nti obi gyae aware a, sɛn na ɛma Yehowa te nka?

Mal 2:13-16

Sɛ obi yere anaa ne kunu wu a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔsan ware bio anaa?

Ro 7:2, 3; 1Ko 7:39

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena