Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 32
  • Ahokokwaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahokokwaw
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 32

Ahokokwaw

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni biara yere ne ho ma ne ho kokwaw wɔ Yehowa som mu?

1Ko 14:20; 1Ti 4:15

Sɛ yesua Bible a, sɛn na saa nimdeɛ no bɛboa yɛn ama yɛn ho akokwaw?

Flp 1:9-11; 2Ti 2:15; 3:16, 17; Heb 5:11-14; 6:1

Sɛ obi nnyinii a, ne ho betumi akokwaw anaa?

Hio 32:9; 1Ti 4:12

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Da 1:6-20—Ɛwom sɛ na Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no nnyinii de, nanso na wɔn ho akokwaw paa, na wɔdii Yehowa nokware

    • Aso 16:1-5—Ebetumi aba sɛ na Timoteo nnii mfe 20, nanso wɔde adwuma kɛse bi hyɛɛ ne nsa wɔ asafo no mu

Sɛ yɛne anuanom a wɔdɔ Yehowa bɔ a, ɛboa yɛn sɛn?

Efe 4:11-14; Heb 10:24, 25

Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw?

1Ko 2:14, 15; 3:1-3; Flp 3:14, 15

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni barima biara a ne ho akokwaw de yɛ ne botae sɛ obeso asɛyɛde mu wɔ asafo no mu?

Aso 14:23; Tit 1:5-9

Sɛ yɛn ho betumi akokwaw na yɛayɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no yiye a, gye sɛ yɛyɛ dɛn?

Lu 21:14, 15; 1Ko 2:6, 10-13

Hwɛ Lu 11:13 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 10:19, 20—Yesu maa n’akyidifo awerɛhyem sɛ, sɛ wɔhyia ɔtaa a, honhom kronkron bɛboa wɔn ama wɔahu nea wɔbɛka de adi adanse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena