Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 109-110
  • Sika

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sika
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 109-110

Sika

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye paa wɔ sikanibere ho?

Hwɛ “Ahonyade Akyidi; Adedodowpɛ”

Dɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ, sɛ obi yɛ adwuma de hwɛ n’abusua a, ɛnyɛ bɔne?

Ɔsɛ 7:12; 10:19; Efe 4:28; 2Te 3:10; 1Ti 5:8, 18

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 31:38-42—Nea ɛbɛyɛ a Yakob betumi ahwɛ n’abusua yiye no, oyii ne yam ne n’ase Laban yɛɛ adwuma; ɛwom sɛ Laban sisii Yakob de, nanso Yehowa amma Yakob brɛ anyɛ kwa

    • Lu 19:12, 13, 15-23—Yesu maa mfatoho bi, na ɛma yehu sɛ ne bere so no, na nkurɔfo taa de sika hyɛ nnwuma mu ma mfaso ba ho

Sɛ obi rekɔpɛ bosea anaasɛ ɔrebɔ obi bosea a, Bible mu nsɛm bɛn na obetumi de ayɛ adwuma?

Dw 37:21; Mme 22:7

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansoa ka angu yɛn ho so?

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ne 5:2-8—Amrado Nehemia bere so no, na Yudafo no di wɔn nuanom a wɔde wɔn ka no ani paa

    • Mt 18:23-25—Yesu mfatoho no ma yehu sɛ, saa bere no sɛ obi de ka na wantua a, na wɔtumi twe n’aso

Sɛ yɛredwen ho sɛ yɛne obi a ɔyɛ onua anaa ɔnyɛ onua, anaasɛ yɛn busuani bɛbom ayɛ adwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ?

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 23:14-20—Bere a Sara wui a Abraham repɛ baabi asie no no, ɔtɔɔ asaase ne ɔbodan tuaa ho ka wɔ adansefo anim sɛnea ɛbɛyɛ a akasakasa biara remma akyiri

    • Yer 32:9-12—Bere a odiyifo Yeremia tɔɔ asaase fii ne papa nua ba hɔ no, ɔne no yɛɛ so nkrataa wɔ adansefo anim; nkrataa no, ɔyɛɛ no mmienu

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtena ase sese hwɛ ansa na yɛatew sika ayɛ biribi?

Mme 21:5; Lu 14:28-30

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔamma sika ho mansotwe amfa mpaapaemu amma asafo no mu?

1Ko 6:1-8

Hwɛ nea edidi so yi nso: Ro 12:18; 2Ti 2:24

Dɛn na yebetumi de yɛn sika ayɛ na ama yɛanya anigye a edi mu?

Mme 11:25; 19:17; Lu 16:9-13; Aso 20:35

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena