Onyin; Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim
Dɛn na nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ de ba?
Hwɛ “Awerɛkyekye—Bere a yare anaa onyin nti, yentumi nyɛ pii” nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ɔsɛ 12:1-8—Ɔhene Solomon kaa anwensɛm bi a ɛma yehu ɔhaw a nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ de ba. Ebi ne sɛ, wɔnhu ade yiye (“mmabaa a wɔhwɛ mfɛnsere mu no ani so ayɛ wɔn wusiwusi”) na wɔnte asɛm yiye (“mma mmea nnwontofo nyinaa nne brɛ ase”)
Sɛ onyin ne emu haw mma obi ntumi nyɛ pii mpo a, adɛn nti na n’ani betumi agye?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Sa 12:2, 23—Ná odiyifo Samuel a wabɔ akwakoraa no nim hia a ehia sɛ ɔkɔ so bɔ mpae ma Yehowa nkurɔfo
2Sa 19:31-39—Akwakoraa Basilai boaa Ɔhene Dawid, na Dawid ani sɔe. Akyiri yi, bere a Dawid kaa sɛ Basilai nyɛ biribi no, Basilai hui sɛ ɛboro n’ahoɔden so, na n’ahobrɛase nti, ɔkaa sɛ ɔrentumi nyɛ
Dw 71:9, 18—Ná Ɔhene Dawid suro sɛ wayɛ akwakoraa nti, Yehowa remfa no nyɛ adwuma bio, enti ɔsrɛɛ no sɛ, mma ɔnntow no nnkyene; mmom, ɔmma no ahoɔden na ama watumi aka Yehowa ho asɛm akyerɛ nkyirimma
Lu 2:36-38—Ná aberewa Hana a ɔyɛ odiyifobea ne okunafo no som Yehowa yiye na odi no nokware; wei nti, Yehowa hyiraa no
Sɛn na Yehowa ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim hu sɛ wɔsom bo ma no?
Dw 92:12-14; Mme 16:31; 20:29; Yes 46:4; Tit 2:2-5
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 12:1-4—Bere a Abraham dii mfe 75 no, Yehowa maa no adwuma bi a ɛsesaa n’asetena koraa
Da 10:11, 19; 12:13—Yehowa maa ɔbɔfo kɔhyɛɛ odiyifo Daniel a wadi mfe 90 ne akyi no den, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ɔsom bo ma Yehowa, na ne nokwaredi nti, Yehowa behyira no
Lu 1:5-13—Yehowa hyiraa Sakaria ne Elisabet a na wɔanyinyin paa no, na ɔma wɔwoo ba anwanwakwan so, na wɔtoo no din Yohane
Lu 2:25-35—Yehowa maa akwakoraa Simeon hokwan soronko bi; ɔma ohuu abofra kumaa a daakye ɔbɛba abɛyɛ Mesia no, na ɔmaa Simeon hyɛɛ abofra no ho nkɔm
Aso 7:23, 30-36—Bere a odiyifo Mose dii mfe 80 no, Yehowa ma odii ne manfo Israel anim
Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔdi nokware no, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn tena?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 45:9-11; 47:12—Yosef soma ma wɔkɔfaa ne papa Yakob a ne mfe akɔ anim no bɛtenaa ne nkyɛn, na ɔhwɛɛ no kosii sɛ owui
Ru 1:14-17; 2:2, 17, 18, 23—Rut de n’anom nsɛm ne ne nneyɛe nyinaa boaa Naomi a ne mfe akɔ anim no
Yoh 19:26, 27—Bere a na Yesu sɛn dua so a ɔrewu no, ɔde ne maame hyɛɛ ɔsomafo Yohane a na ɔdɔ no no nsa sɛ ɔnhwɛ no