Sɛnea Yebesiesie Nsɛmnsɛm
Sɛ obi fom yɛn a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw anaa yɛyɛ no bi tua ka?
Mme 20:22; 24:29; Ro 12:17, 18; Yak 1:19, 20; 1Pe 3:8, 9
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Sa 25:9-13, 23-35—Bere a Nabal didii Dawid ne ne mmarima no atɛm na wamma wɔn nea wɔhia no, nea ɛbaa Dawid mu ara ne sɛ obekum Nabal ne ne fie mmarima nyinaa, nanso afotu pa a Abigail de maa Dawid nti, wanka mogya angu
Mme 24:17-20—Onyankopɔn maa Ɔhene Solomon kyerɛw sɛ Onyankopɔn ani nnye ho sɛ ne nkurɔfo bedi ahurusi bere a wɔn atamfo ahwe ase; yegyaw ma Yehowa sɛ onni mma yɛn
Sɛ Kristoni bi ne obi nya asɛm a, ɛsɛ sɛ ɔde hyɛ ne mu anaa ɔka sɛ ɔne no renkasa bio?
Le 19:17, 18; 1Ko 13:4, 5; Efe 4:26
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mt 5:23, 24—Yesu kyerɛɛ mu sɛ, sɛ yɛn nua bi wɔ asɛm tia yɛn a, yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nsiesie yɛne ne ntam mma asomdwoe mmra