Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 95
  • Nnipa Mu Nyiyim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Mu Nyiyim
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 95

Nnipa Mu Nyiyim

Nea obi wɔ, abusua a ofi mu, anaa ne honam ani kɔla ma Onyankopɔn bu no kyɛn afoforo anaa?

Aso 17:26, 27; Ro 3:23-27; Ga 2:6; 3:28

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yoh 8:31-40—Yudafo bi hoahoaa wɔn ho sɛ Abraham yɛ wɔn agya; nanso na wɔnyɛ wɔn ade te sɛ Abraham, enti Yesu tenee wɔn adwene

Biribi wɔ hɔ a obi betumi agyina so aka sɛ ɔkyɛn obi a ɛsono ne honam ani kɔla anaa ɔman a ofi mu anaa?

Yoh 3:16; Ro 2:11

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yon 4:1-11—Yehowa too ne bo ase kyerɛɛ odiyifo Yona sɛ onhu Niniwefo a wɔfi ɔman foforo so no mmɔbɔ

    • Aso 10:1-8, 24-29, 34, 35—Ɔsomafo Petro behui sɛ ɛnsɛ sɛ obu Amanaman mufo sɛ wɔn ho ntew, enti ɔboaa Kornelio ne ne fiefo ma wɔbɛyɛɛ Kristofo; wɔn ne Amanaman mufo a wɔntwaa twetia a wɔdii kan bɛyɛɛ Kristofo

Kristofo a wɔyɛ asikafo no, ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn ho sɛ wɔkyɛn afoforo anaasɛ wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛma wɔn nidi soronko anaa?

1Ti 6:17, 18; Yak 2:2-4

Hwɛ nea edidi so yi nso: De 8:12-14; Yer 9:23, 24

Sɛ obi yɛ asafo mu panyin a, ɛkyerɛ sɛ ɔkyɛn afoforo anaasɛ obetumi ahyɛ wɔn so anaa?

2Ko 1:24; 1Pe 5:2, 3

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • De 17:18-20—Yehowa bɔɔ Israel ahemfo kɔkɔ sɛ, wɔnhwɛ na wɔamma wɔn ho so ansen Onyankopɔn nkurɔfo, efisɛ Yehowa ani so de, na ɔmanfo no ne ɔhene no nyinaa yɛ anuanom

    • Mr 10:35-45—Ná dibea ho hia Yesu asomafo no paa, nanso Yesu ma wɔhui sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa. (Hwɛ Mr 10:42 ho adesua asɛm a yɛato din, “lord it over them” no nso; ɛwɔ nwtsty-E anaa Adesua Bible, borɔfo de no mu)

Dɛn na ɛma obi sɔ Onyankopɔn ani?

Ex 19:5; Ro 10:12; 1Yo 2:17

Ɛsɛ sɛ Kristofo dɔm akuw a wɔpere yiyedi ma ɔmanfo anaa?

Efe 6:5-9; 1Ti 6:1, 2

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yoh 6:14, 15—Ná nkurɔfo rehwɛ kwan sɛ Yesu bɛpere yiyedi ama wɔn, nanso wampene so sɛ obedi wɔn so hene

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena