Dɛn Nti Na Wokɔ So Ba Yɛn Fie?
SO WOASUSUW nea enti a Yehowa Adansefo ba wo fie no ho da anaa? Wɔyɛ saa efisɛ wɔhwehwɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua pii fa Onyankopɔn Asɛm, Bible no ho. Afei nso wɔde Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ n’asuafo yi asie wɔn komam: “Na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” (Aso 1:8) Wɔnam ɔkwan a ɛte sɛɛ so yi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn mfɛfo.—Mat. 22:39.
Ɛnkyɛ na Bible mu asuafo pii hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa kyerɛ afoforo. Sɛ nhwɛso no, Adansefo a wɔwɔ Guadeloupe no ne awarefo baanu bi suaa ade na adapɛn abien pɛ mu na wɔkɔɔ Kristofo nhyiam kɛse a wɔyɛe wɔ hɔ no ase. Bere a wɔtee sɛ wɔayɛ afie afie asɛnka ho nhyehyɛe ama nhyiam no da biako no saa awarefo baanu yi pɛe sɛ wɔkɔ bi. Dɛn ntia?
Wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ sɛ yebehu sɛnea nneɛma kɔ so fa wɔ asɛnka no mu, na mmom yɛate ase afi yɛn adesua no mu, ne nea yɛtee nnɛ wɔ nhyiam yi ase sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛka asɛm kyerɛ afoforo.” Onyankopɔn Asɛm no akanyan saa ɔpɛ yi wɔ wɔn mu, na wonyaa kyɛfa wɔ saa adansedi adwuma titiriw no mu.
Nanso dɛn na ɛwɔ “asɛmpa” no mu? Dɛn nti na ɛyɛ papa saa? Dɛn na ɛwɔ ho a ɛkanyan nnipa ma wɔne nkurɔfo ka ho asɛm anigye so? Sɛ Yehowa Adansefo san ba wo fie bio a dɛn nti na wummisa wɔn?