Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yedi Yɛn Tɛkrɛma So?
So wunim obi a ɔkasa dodo? Mmebusɛm 10:19 da biribi a enti ɛsɛ sɛ yedi yɛn tɛkrɛma so adi. Ose: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.”
Yesu ne na ba Yakobo sii hia a ehia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn tɛkrɛma anto obi hintidua so dua, efisɛ, sɛ obi anto no nnareka a ebetumi ama ne som ayɛ ɔkwa. (Yak. 1:26) Yɛn mu biara nni hɔ a obetumi adi ne tɛkrɛma so wɔ pɛyɛ mu, nanso yebetumi anya nkɔso wɔ ne yɛ mu.—Yak. 3:2-8.
Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛtɔ mumu, a yennya nkɔmmɔbɔ biara mu kyɛfa. Na dɛn nti na wonyɛ sɔhwɛ yi nhwɛ? Hwɛ sɛnea wote nka bere tenten bi. Hwɛ sɛ ebia wuhu sɛ, kuw nkɔmmɔbɔ mu no, wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wokasa pii wɔ asɛm biara ho. Wɔ asetra mu nsɛm ahorow ho nkɔmmɔbɔ mu no, so ɛtaa ba sɛ wo na wokasa pii sen afoforo a wɔwɔ kuw no mu no? Sɛ saa a, ebia Mmebusɛm 10:19 ho a wubesusuw bɛyɛ ahobammɔ.
September Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)