So Edin No Ho Hia Ankasa?
ƐNE asɛm a nnipa pii bisa bere a wɔreka Onyankopɔn din ho asɛm no. Wɔka sɛ: “Onyankopɔn ne Onyankopɔn. Enti, dɛn nti na yehia edin?”
The Illustrated Bible Dictionary, a Tyndale House Publishers yɛɛ no 1980 no kaa saa asɛm yi wɔ hia a na edin ho hia wɔ Bible mmere mu no ho: “Asɛmfua ‘edin’ wɔ Apam Dedaw no mu no ho adesua da sɛnea na ɛsom bo wɔ Hebri mu no adi. Ná edin nyɛ nea wɔde frɛ obi ara kwa, na mmom ɛda onii a ɛyɛ ne de no nipasu adi ankasa. Ebia na egyina tebea a wɔwoo onii wɔ mu no so (Genesis 5:29) , anaa ɛda ne suban adi (Genesis 27:36) , na sɛ obi de ne ‘din’ to biribi so anaa onipa foforo so a, saa nipa foforo no ba onii a wɔde ne din ato no no nkɛntɛnso anaa n’ahobammɔ ase.”
Afei, ɛdefa Onyankopɔn din ho no, Dictionary no se: “Enti, nea ɛnte sɛ Elohim [anaa Onyankopɔn] no, Yahweh [anaa Yehowa] yɛ din pa, Obi din ankasa, ɛwom sɛ Onii no yɛ honhom. Ne saa nti, ɛno ankasa kyerɛ biribi; ɛda no adi sɛ Onyankopɔn yɛ Ɔteasefo, enti ɛma ɔne afoforo nya abusuabɔ . . . , na ɔkasa kyerɛ Agyanom mpanyimfo no sɛnea obi kasa kyerɛ n’adamfo.”
Enti ɔkwan koro pɛ a obi betumi afa so abɛn Onyankopɔn na ɔne no anya abusuabɔ ne sɛ ɔde ne din Yahweh anaa Yehowa behu no na ɔde saa din no adi dwuma nidi mu wɔ ne som mu. (Yohane 17:26) Yiw, wɔn a wɔte saa no ‘bɛba ne nkɛntɛnso ne n’ahobammɔ ase,’ efisɛ Yehowa ankasa kae sɛ: “Megye no, mɛma no so, na onim me din.”—Dwom 91:14.