Wubetumi Atra Ase Daa!
Ɔkenkanfo bi a ɔwɔ anisɔ kyerɛw faa nhoma foforo You Can Live Forever in Paradise on Earth no ho sɛ ɛyɛ nea “nokware ahorow a ɛma nkwa” ahyɛ no ma.
Kristoni bi a ɔyɛ daa sɛmpakafo a na ɔne mmusua horow yɛ Bible adesua no kae sɛ: “Nhoma foforo yi ne nea ɛho hia! Ɛyɛ mmerɛw sɛnea ɛsɛ ma mmofra no sɛ wɔbɛte nokware no ase, na ntease wom sɛnea ɛsɛ nso ma awofo sɛ wobesi gyinae. Emu da hɔ na ɛde asɛm no si hɔ pi. Ɛmfa nwonnwan! Ɛda ‘Nokware’ no adi sɛnea ɛte nokware mu no. Ɛde nsɛm a ɛho hia na akanyan nnipa anokwafo koma no nyinaa ba. Nhoma foforo yi te sɛ Asafo nhoma ahorow no nyinaa a wɔaka abom ayɛ no biako.”
Wo nso w’ani begye ho, sɛ wubue nhoma foforo a n’akenkan nyɛ den a wɔasiesie ama Bible adesua yi mu a. Wɔ ne nkratafa 256, a ne kɛse te sɛ nsɛmma nhoma yi, nanso wɔde nkyerɛwee akɛse atintim no mu no, ekura mfonini ahorow fɛfɛ bɛyɛ 150. Eyi boa ma nsɛm atitiriw no ka ɔkenkanfo no adwene mu yiye. Hyehyɛ kratasin yi fa mana na wo nsa aka bi.
Mesrɛ mo, momfa nhoma You Can Live Forever in Paradise on Earth a ekura nkratafa 256 no biako mmana me. Mede ¢20 ahyɛ mu.