Ebetumi Anya W’asetra So Tumi Kɛse
Bible mu kyerɛwtohɔ a wɔde ayɛ drama a wɔakyere agu hama so no betumi. Sɛnea ɛbɛyɛ a obi a wadi mfe 13 a wasua Bible no asram asia pɛ ni bɛkyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so no mu no, ɔkyerɛwee sɛ:
“Nnansa yi ara wɔ sukuu mu no, mmofra bi pɛe sɛ me ne wɔn bɛkɔ Halloween apontow bi ase. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ merenkɔ efisɛ minni Halloween afahyɛ. Afei wɔkae sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi afahyɛ no, sɛ wompɛ a, nanso wo ne yɛn mmedidi na yɛnsaw.’
“M’adwene baa saa cassette [Beware of Losing Faith by Drawing Away From Jehovah] no ne sɛnea na Midianfo mmea no rebɔ mmɔden ma Israel mmarima akɔ wɔn abosom afahyɛ ase no so ntɛm ara. Na bere a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no, wɔkae sɛ ‘Wiɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ afɔre no bi, sɛ mompɛ sɛ moyɛ a. Mommra mmedidi na monsaw. Dɛn na ɛsɛee wɔ ho.” Nanso ɔsɔfo panyin Pinehas kaee wɔn sɛ wɔrentumi nyɛ saa a wɔne wɔn mmea no remmɔ aguaman na wɔrensom wɔn abosom no. Wɔn a wɔkɔɔ afahyɛ no ase nyinaa wuwui. Bere a mekaee eyi nyinaa no, na minim nea mɛka akyerɛ wɔn na m’ani gyei sɛ mitumi sii gyinae a ɛteɛ no.
“Meda mo ase pii wɔ mo cassette a Bible mu nsɛm wɔ so a ɛhyɛ gyidi den no ho.”
Wo nso wubetumi anya Bible mu drama a wɔakyere agu hama so a ɛyɛ anigye a afotu wom no mu mfaso. Drama a wɔakyere agu hama so abien no ne Beware of Losing Faith by Drawing Away From Jehovah ne Jehovah’s Name to Be Declared in All the Earth. Emu biara yɛ ¢120 na ne bɔ gye bɛboro dɔnhwerew biako. Wubetumi anya bi bere a wɔahyehyɛ kratasin a ɛka ho no na wode amana no.
Mesrɛ mo, momfa cassette a makyerɛ wɔ ase ha no mmana me. Mede ¢120 ahyem de retua ka.
[ ] Beware of Losing Faith.
[ ] Jehovah’s Name to Be Declared