Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 12/1 kr. 32
  • ‘Mmofra Ani Gye Ho Kɛkɛ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Mmofra Ani Gye Ho Kɛkɛ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 12/1 kr. 32

‘Mmofra Ani Gye Ho Kɛkɛ’

Mmusua ɔpepem pii anya Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no mu anigye. Ne Bible mu kyerɛwtohɔ ahorow 116 no ma ɔkenkanfo no nya nea Bible ka ho asɛm nyinaa no ho adwene bi. Wɔ afe yi mfiase mu hɔ pɛɛ no, obi a ɔwɔ Western Australia kyerɛkyerɛ sɛnea nhoma no tu mpɔn no mu sɛ:

“Meyɛ ɔkyerɛkyerɛfo na mehwehwɛ sɛ mɛhyɛ mmofra a wɔhyɛ m’ase no nkuran ma nea wosua wɔ sukuu nyinaa ayɛ nea ɛfa Onyankopɔn ne Yesu ho, te sɛ nea meyɛ wɔ nea mekyerɛ mmofra no mu nso no. Mede ayɛ me botae sɛ mɛkenkan mo ‘Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm’ nhoma a metɔɔ wɔ mo mfɛfo Adansefo a waba yɛn nkyɛn no mu biako hɔ no akyerɛ sukuufo no. Mmofra no ani gye nhoma no ne emu nsɛm no ho, na sɛ mede to hɔ a wɔsrɛ me sɛ menkenkan pii nkyerɛ wɔn.”

So mmofra bi wɔ hɔ a wunim sɛ wɔn nso wɔn ani begye Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no ho? Wubetumi anya biako denam kratasin a ɛka ho yi a wobɛhyehyɛ na wode amena no so. Nhoma no kura nkratafa 256 a ne trɛw te sɛ nsɛmma nhoma yi. Mfonini akɛseakɛse a wɔde nnuru a ɛyɛ fɛ ayeyɛ emu pii bɛboro 125 wom.

Mesrɛ mo, momfa Me Nhoma Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma a akyi yɛ den no biako mmana me, mede ₵380.00 ahyem de retua ka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena