Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 3/15 kr. 8-9
  • Ɔdefo no ne Lasaro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdefo no ne Lasaro
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsakrae Baa Ɔdefo no ne Lasaro Asetenam
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɔdefo Ne Lasaro Tebea Sakra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Sikani No Ne Lasaro—Na Wɔyɛ Henanom?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Yesu nyanee Lasaro
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 3/15 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Ɔdefo no ne Lasaro

NÁ YESU reka ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so de honam fam ahonyade di dwuma no ho asɛm akyerɛ n’asuafo no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yentumi nyɛ nkoa mma eyinom na bere koro no ara mu no yɛayɛ nkoa ama Onyankopɔn. Farisifo no nso retie, na wofi ase serew Yesu efisɛ wɔyɛ sikapɛfo. Enti ose wɔn sɛ: “Moyɛ nnipa a wobu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn de, onim mo koma mu. Na nea ɛyɛ kɛse nnipa mu no yɛ akyide Onyankopɔn anim.”

Bere adu sɛ nsakrae ba wɔn a wɔyɛ adefo wɔ wiase nneɛma mu, amammui tumi, ne nyamesom sodi ne nkɛntɛnso so. Wɔbɛbrɛ wɔn ase, na wɔbɛma wɔn a wohu wɔn honhom mu ahiade no so. Yesu kyerɛ nsakrae a ɛte saa bere a ɔkɔ so ka kyerɛ Farisifo no sɛ:

“Mmara ne adiyifo no besii Yohane [Osuboni no] nso; efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam abran so kɔ mu. Na ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwam sen sɛ mmara no ho nsensanee ketewa biako bɛtɔ.”

Akyerɛwfo ne Farisifo no de Mose Mmara a wodi so no hoahoa wɔn ho. Kae sɛ bere a Yesu nam anwonwa kwan so maa ɔbarima bi huu ade wɔ Yerusalem no, wɔhoahoaa wɔn ho sɛ: “Yɛn de, Mose asuafo ne yɛn. Yenim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose.” Nanso afei Mose Mmara no adi n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɛbɛkyerɛ ahobrɛasefo kwan akɔ Onyankopɔn Ɔhene a wayi no a ɔne Yesu Kristo so no ho dwuma awie. Enti ɛdefi Yohane som adwuma no mfiase no, nnipa nyinaa, titiriw ahobrɛasefo ne ahiafo, reyere wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no asefo. Esiane sɛ afei de na Mose Mmara no renya ne mmamu nti, na wɔayi ɛsodi ho ahyɛde no afi hɔ. Mmara no ma kwan sɛ wogyina nneɛma ahorow bi so gyae aware, nanso afei Yesu se: “Obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware; (na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.)” Hwɛ sɛnea nsɛm a ɛte saa no bɛma Farisifo no bo afuw, titiriw esiane sɛ wogyina nneɛma ahorow so ma awaregyae ho kwan no nti!

Yesu retoa ne nsɛm a ɔreka akyerɛ Farisifo no so no, ɔma mfatoho bi a ɛfa nnipa baanu bi a wɔn gyinabea, anaa wɔn tebea sakrae mpofirim ara ho. So wubetumi ahu wɔn a mmarima no gyina hɔ ma wɔn ne nea wɔn tebea horow no a ani danee no kyerɛ?

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɔdefo bi traa ase a ɔhyɛ atade kɔkɔɔ ne nwera pa, na ɔde asetra fɛfɛ gye n’ani daa. Na ohiani bi nso traa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’abobow ano na watutu akuru. Na ne kɔn dɔe sɛ odi mporoporowa a efi ɔdefo no pon so agu fam no bi mee; nanso akraman bae bɛtaforoo n’akuru mu.”

Wɔ ha no, Yesu de ɔdefo no gyina hɔ ma Yudafo nyamesom akannifo a ɛnyɛ Farisifo ne akyerɛwfo no nko na wɔka ho na mmom Sadukifo ne asɔfo mpanyin no nso no. Wɔyɛ adefo wɔ honhom fam hokwan ahorow mu, na wɔyɛ wɔn ade te sɛnea ɔdefo no yɛe no. Wɔn atade kɔkɔɔ a ahene na wɔhyɛ no kyerɛ wɔn gyinabea a ɔdom wom no, na nwera pa no yɛ wɔn ho trenee a wobu no ho mfonini.

Saa ɔdefo kuw ahohoahoafo yi bu mpapahwekwa no animtiaa kɛse, na wɔfrɛ wɔn ‘am ha·’aʹrets, anaa famfo. Enti ɔdesrɛfo Lasaro gyina hɔ ma saafo yi a nyamesom akannifo no mma wɔn honhom mu aduan ne hokwan ahorow no. Enti, te sɛ Lasaro a ne ho nyinaa atutu akuru no, wobu mpapahwekwa animtiaa sɛ wɔyare honhom mu na akraman na wɔfata sɛ wɔne wɔn bɔ. Nanso, honhom mu kɔm ne sukɔm de Lasaro kuw no mufo na enti wɔwɔ abobow ano hwehwɛ sɛ wobenya honhom fam aduan mporoporowa kakra biara a ebefi ɔdefo no pon no so agu fam no.

Afei Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ nsakrae a ɛbae wɔ ɔdefo no ne Lasaro tebea no mu no mu. Dɛn ne nsakrae ahorow yi, na egyina hɔ ma dɛn? Wobebua nsemmisa yi wɔ yɛn nsɛmma nhoma a ɛbɛba no mu. Luka 16:14-21; Yohane 9:28, 29; Mateo 19:3-9; Galatifo 3:24; Kolosefo 2:14.

◆ Ɛdefi Yohane som adwuma no mfiase no, nsakrae bɛn na Yesu kyerɛ sɛ ɛba?

◆ Dɛn na na wobeyi afi hɔ bere a Yesu awu no, na ɔkwan bɛn so na eyi bɛka awaregyae ho asɛm no?

◆ Wɔ Yesu mfatoho no mu no, ɔdefo no ne Lasaro gyina hɔ ma henanom?

◆ Asɛm bɛn na yebetumi ahwɛ kwan wɔ nsɛmma nhoma yi nea ɛbɛba no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena