Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 4/1 kr. 32
  • Bible Nhoma Foforo A Ɛka Nneɛma Pii Ho Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma Foforo A Ɛka Nneɛma Pii Ho Asɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 4/1 kr. 32

Bible Nhoma Foforo A Ɛka Nneɛma Pii Ho Asɛm

Nnipa pii akyerɛw nkrataa de abɛkyerɛ anisɔ a wɔanya wɔ Bible nhoma foforo a ɛka nneɛma pii ho asɛm a wɔn nsa aka no ho. Ɔkyerɛwfo bi a ofi Wisconsin, U.S.A ka no anigye so sɛ: “Hwɛ sɛnea Insight on the Scriptures nhoma apo abien foforo no yɛ nhwehwɛmuyɛ ho mmoa a ɛyɛ nwonwa!” Ɔbea bi a ofi Jamaica, West Indies no kyerɛw sɛ: “Ɛyɛ akyɛde a ɛyɛ nwonwa ampa, nea mɛkyerɛ ho anigye daa a mebɔ mmɔden sɛ mede bedi dwuma akosi ase.”

Insight on the Scriptures nhoma apo abien no kura nkratafa 2,560 a wotumi hu ne nkyerɛwee no kenkan no yiye. Wɔahyehyɛ emu nsɛm ɔpepem pii no nnidiso nnidiso sɛnea wɔn nkyerɛwde a edi kan no te na wɔakyerɛkyerɛ mu yiye. Ɛka nnipa, mmeae ahorow, atenae ne mmoa, nsɛntitiriw a asisi, sɛnkyerɛnne kwan so kasa a ɛwɔ Bible no mu ne sɛnea Onyankopɔn ne adesamma di ho kyerɛwtohɔ ho asɛm.

Wonam mfonini a wɔde nnuru ayɛ so akyerɛkyerɛ nsɛntitiriw aduonum abiɛsa mu. Asase mfonini ne asase so mmeae ahorow mfonini ne tete nneɛma akorae mu nneɛma ne mfonini afoforo nso a wɔayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wo ma woayɛ Bible mu kyerɛwtohɔ ahorow ho mfonini wɔ w’adwenem ka eyinom mu pii ho. Wɔde nsɛm a ɛboa ma wɔte nneɛma ase ne nsɛm a ɛsom bo a ɛde nkyerɛkyerɛmu ma ama wɔ Bible kyerɛw nsɛm bɛboro 3,500 ho. Nsɛmti, kyerɛwsɛm ne nsɛm a ɛma wuhu faako a asase mfonini bi wɔ a wɔahyehyɛ ka ho.

Wubetumi anya nhoma apo abien a ɛsom bo a ɛka nneɛmaa ahorow pii ho asɛm yi biako denam kratasin a ɛka ho a wobɛhyehyɛ na wode ¢3,500.00 aka ho amana no so.

Mesrɛ mo, momfa Bible nhoma apo abien a ɛka nneɛma ahorow pii ho asɛm a wɔfrɛ no Insight on the Scriptures no biako mmana me. Mede ¢3,500.00 ahyem de retua ka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena