Ɔkwan Hwanyann A Wɔfa So Kɔ Onyankopɔn Nkyɛn
YESU KRISTO kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no kyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.”—Yohane 14:6; 16:23.
Nanso, mfehaha pii ni no, Kristoman mu asɔre ahorow, ne titiriw Roman Katolek Asɔre no nam ne hell-gya, ahodwiragya, ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no so mma wonhu ɔkwan no. Wɔdaa Yesu adi sɛ akokoaa a ɔda nsa so, anaasɛ ɔtemmufo a ne ho yɛ hu, a ɔpɛ sɛ obebu abɔnefo atɛn na watwe wɔn aso mmom sen sɛ obegye wɔn nkwa, na ɔnyɛ obi a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ odimafo ama adesamma abɔnefo. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɔnefo bi atumi akɔ Onyankopɔn anim?
The Glories of Mary (1750) nhoma no kyerɛkyerɛ mu. Bere a afeha 13 paapa Innocent III de Yesu retoto atemmu awia a ɛbɔ denneennen ho no, ɔkae sɛ: “Obiara a ɔwɔ bɔne sum mu no mma n’ani so nhwɛ ɔsram, na ɔnkotow nsrɛ Maria.” Wɔyɛɛ Yesu ne na Maria odimafo foforo. Ɛdenam ne nkɛntɛnso a wɔkyerɛ sɛ ɔwɔ sɛ ɛna no so no, ebia wobetumi anya ɔdom bi afi Yesu ne Onyankopɔn hɔ. Enti, Laurence Justinian, afeha 15 ɔsɔfo kae sɛ Maria bɛyɛɛ “antweri a ɛkɔ paradise, ɔsoro kwan ano pon, ne Onyankopɔn ne onipa ntam nokware ntamgyinafo a ɔsen biara.”
Esiane nkamfo nyinaa a wɔde maa no nti, ankyɛ wɔammu no sɛ “Ɔbaabun Maria” kɛkɛ bio, na mmom ɔbɛyɛɛ “Ɔhemmaa Kronkron, Mmɔborɔhunu Na,” wɔkaa ne ho asɛm sɛ onni bɔne, na ɔkorɔn araa ma ɔyɛ kronkron dodo sɛ wɔbɛkɔ n’anim tẽẽ. So wobetumi anya odimafo foforo bio? Maria ne na nso ɛ?
Esiane sɛ Bible no nka asɛm yi ho hwee nti, wɔhwehwɛɛ mmuae no fii baabi foforo. Nhoma a wommu no sɛ ɛyɛ Bible no fã a ɛne “Protevangelium of James” ka Joachim yere bonin Anne (anaasɛ Anna) bere a ɔwaree mfe pii no ho asɛm. Awiei koraa no, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛwo ba. Wɔkyerɛe sɛ ankyɛ ɔbɛyɛɛ “Ɔbaabun Maria” ne na.
Enti ɛde “Ɔhotefo” Anne som bae. Wosisii asɔredan ahorow ne abosonnan de hyɛɛ no anuonyam. “Ɔhotefo” Anne som trɛwee wɔ Europa wɔ afeha 14 no mu.
The Story of the Reformation nhoma no ka sɛ: “Hwɛ sɛnea nyamesom abɛyɛ hwanyann afa! Nkurɔfo bɔɔ Anna a ɔne Maria a ɔne ne Ɔba yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa abɔnefo ntam odimafo no yɛ odimafo no mpae. Na ɛyɛ nwonwa, nanso na ɛno ne gyidi hunu a wɔde wowaw nnipa akra.” Enti, asɛm foforo a Yesu nsɛm yi a edi so yi fa ho pefee ni: “Mode mo atetesɛm . . . no sɛe Onyankopɔn asɛm.”—Marko 7:13.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 21]
The Metropolitan Museum of Art, Bequest of Benjamin Altman, 1913. (14.40.633)