Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 2/1 kr. 24
  • ‘Wotwa Nnɔbae’ Wɔ Venezuela

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wotwa Nnɔbae’ Wɔ Venezuela
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Yɛayɛ Yɛn Asasesin no Mu Adwuma Mpɛn Pii!”
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Wɔn Ho Hia Ntɛm Ara​—Otwa Adwumayɛfo Pii!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Mfuw no Ahoa sɛ Wotwa
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Monyɛ Otwa Adwumayɛfo A Mowɔ Anigye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 2/1 kr. 24

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

‘Wotwa Nnɔbae’ Wɔ Venezuela

Bere bi Yesu de asɛnka adwuma no totoo afe afe otwa adwuma ho. (Mateo 9:36-38) Otwa Wura no ne Yehowa Nyankopɔn, no otwa adwuma no sõ wɔ wiase nyinaa ampa. Nea eka eyi ho ne asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma wɔ Venezuela no.

Venezuela Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea no bɔ nea esii bere a Adansefo mmea kuw bi kɔyɛɛ asasesin a ɛne Sabana Grande, Guárico State mu adwuma no ho amanneɛ. Adansefo no ka sɛ: “Na ofie a yɛbɛtra mu no yɛ beae a yebetumi ayɛ nhyiam, enti ntɛm ara yefii ase too nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra nhyiam wɔ hɔ. Na nkurɔfo no nnim Yehowa Adansefo. Ɛwom sɛ na asɔre akuw anan wɔ kurom hɔ de, nanso na nkurɔfo no pɛ yiye sɛ wobesua Bible no.

“Yɛde nnɔnhwerew abiɛsa yɛɛ adwuma anɔpa ne awia biara, kɔɔ afie afie mu kɔtoo nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra nhyiam a yɛbɛyɛ no anadwofa a edi hɔ no ase. Na yenni nkongua, enti yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ankasa nkongua mmra. Bere a yebefi nhyiam no ase bɛnee no, nkurɔfo fii ase bae a obiara sõ n’akongua. Yewiee nhyiam no, yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛw wɔn a wɔpɛ sɛ yɛne wɔn yɛ ofie Bible adesua a wontua hwee no din. Na nnipa 29 a ɛbae no nyinaa pɛ sɛ yɛkyerɛw wɔn din.

“Bere a ahɔho no mu nea otwa to kɔe a yɛrebɛto ɔpon no mu no, yehui sɛ mmarima baasa gyina ofie no twea so. Bere a yɛrebedidi bɛyɛ nnɔnkron no, wɔbɛbɔɔ yɛn pon no mu. Wobisaa nsɛm te sɛ: ‘Asɛm bɛn na moreka wɔ kurow yi mu yi? Atirimpɔw bɛn nti na moyɛɛ nhyiam wɔ ha anwummere yi?’

“Yebisaa wɔn sɛ yɛato mmara bi anaa. Wobuae sɛ dabi na wɔkae sɛ wɔne kurom hɔ asɔre abiɛsa mu asɔfo. Na wɔahaw efisɛ nkurɔfo amma wɔn asɔre saa anwummere no. Yɛde wɔn kɔɔ ɔdan no mu kɔkyerɛkyerɛɛ wɔn yɛn adwuma na mu. Yɛmaa wɔn nhoma nso na yɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra Yawda a edi hɔ no.

“Yawda a edi hɔ no, asɔfo no bae bio a nnipa afoforo 22 a wɔpɛ sɛ wotie nea yɛbɛka no ka wɔn ho. Na asɔfo no susuw sɛ esiane sɛ yɛyɛ mmea nti, yɛrentumi wɔn wɔ nea yɛbɛbɔ ho nkɔmmɔ no mu. Nanso, sɛnea yehuu no no, nhyiam no kɔɔ so yiye. Ɛde reba awiei no, yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛrekyerɛw wɔn a wɔpɛ sɛ wosua pii fi Bible mu no din. Na asɔfo no nnamfo no mu pii pɛ sɛ yɛkyerɛw wɔn din bi na ebinom kae mpo sɛ wɔpɛ sɛ wɔne yɛn fi adi kɔyɛ asɛnka adwuma no!

“Yɛkyerɛkyerɛɛ wɔn mu sɛ ebehia sɛ wonya Bible mu nimdeɛ ne ntetee pii ansa na wɔatumi abɛka yɛn ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Na nkurɔfo ba fie hɔ da biara bɛsrɛ sɛ yɛnkyerɛkyerɛ wɔn Bible no mu. Ɛtɔ mmere bi a, bere a yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ akosi anadwo akyi no, na ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ fie. Bere a na ɛsɛ sɛ yefi asasesin no mu awiei koraa no, wɔn werɛ howee yiye na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yɛsan ba hɔ bio a, wɔne yɛn bɛkɔ akɔyɛ asɛnka adwuma no. Wɔhyɛɛ bɔ sɛ ebedu saa bere no, no wɔanya nkɔanim a ɛsɛ sɛ wonya no.”

Bere a Adansefo no fii saa asasesin no mu no, na wɔanya nnipa 40 a wɔpɛ sɛ wosua Bible no. Wɔde anigyefo yi din kɔmaa asafo a ɛbɛn hɔ a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 50 no. Efi ɛno akyi no, Adansefo bi a wofi kuropɔn foforo mu akɔtra saa kurow yi mu, na wɔahyehyɛ asɛmpakafo kuw bi a wɔyɛ nnam wɔ hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena