Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/15 kr. 32
  • Ogya Kanyan Ɔdansi Adwuma Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ogya Kanyan Ɔdansi Adwuma Bi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/15 kr. 32

Ogya Kanyan Ɔdansi Adwuma Bi

“OGYA! Ogya! Yehowa Adansefo Nhyiam Asa no rehyew!” Saa na wɔde ahodwiriw teɛteɛm Fida awia wɔ October 1989 mu wɔ Heerenveen, Netherlands kusuu fam kurow bi mu.

Na Yehowa Adansefo de Nhyiam Asa fɛfɛ yi adi dwuma mfe 11. Ɛkame ayɛ sɛ dapɛn biara awiei, nnipa ɔhaha pii hyiam wɔ hɔ yɛ nnanu ɔmansin nhyiam anaa da koro nhyiam titiriw. Na ɛyɛ baabi a ɛhɔ tra yɛ dɛ ma Bible nkyerɛkyerɛ.

Asiane bi sii bere a na wɔreyɛ adwuma wɔ ɔdan no atifi. Simma kakraa bi ntam no, asiane yi maa asa no hyew dwerɛbee. Nanso, obiara ampira.

Adansefo no dii awerɛhow wɔ adehwere yi ho, nanso wɔammotow, na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobesi asa foforo wɔ beae foforo. Wonyaa baabi pa wɔ Swifterbant, wɔ Flevoland mansin mu. Eyi yɛ asase tamaa bi a wonya fii nsu mu wɔ kan Zuider Zee, a po no wɔ soro sen no mita 5.

Wɔ January 1991 mu no, wɔkae sɛ womfi ase nsi Nhyiam Asa foforo no. Na wobesi wɔ May ne September 1991 ntam. Adansefo ɔhaha pii de wɔn ho sii hɔ yɛɛ adwuma no wɔ baabi a na wosi ɔdan no, na mmerante bi faa ɔdansi adwuma no sɛ nea wɔnam so de wɔn bere nyinaa bɛsom Yehowa. Adwumayɛfo pii fi Belgium ne England bae.

Wosii ɔdan fɛfɛ bi. Wɔde ahwehwɛ abrannaa bi na akyɛ nhyiambea no ne adidibea no ntam. Nnipa 1,008 na wɔtra asa no ankasa so, na nnipa afoforo 230 betumi ahwɛ dwumadi no wɔ television so wɔ asa bi a ɛbɛn hɔ so.

Ɛnnɛ, nnipa mpempem pii reka sɛ: ‘Mommra na yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan.’ (Yesaia 2:2, 3) Nhyiam Asa yi yɛ mmeae pii a wɔde honhom fam ɔkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ ma no mu biako. Ɛhɔnom Yehowa Adansefo Ahenni Asa yɛ biako. Ɛhɔ na wɔde anigye bɛma wo akwaaba.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena