Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 10/15 kr. 3
  • Abusua No Wɔ Ntua Ase!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abusua No Wɔ Ntua Ase!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi Wɔ Hɔ a Ɛde Abusua mu Anigye Ba?
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Abusua No—Ɛyɛ Nnipa Ahiade!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Abusua Mu Ɔhaw​—Mmere No Ho Sɛnkyerɛnne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Bere A Basabasayɛ Si Wɔ Fie
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 10/15 kr. 3

Abusua No Wɔ Ntua Ase!

“ABUSUA ne nnipa nhyehyɛe a akyɛ sen biara. Akwan horow pii so no, ɛne nea ɛho hia sen biara. Ɛne ɔman nnyinaso titiriw. Anibuei horow nyinaa akɔ so atra hɔ anaasɛ ase agu, esiane sɛ ebia na abusua asetra no mu yɛ den anaasɛ emu nyɛ den nti.”

Saa na The World Book Encyclopedia kae wɔ 1973 mu. Nanso, sɛ wogyina nea ɛrekɔ so nnɛ no so hwɛ abusua no a, saa nsɛm no dan yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ahude anaasɛ asiane bi reba. Wɔ mfe kakra a atwam no mu no, wɔahu nea ɛkyerɛ sɛ wɔde ntua a ɛyɛ tẽẽ ba abusua asetra so. Ɔfotufo a wagye din, John Bradshaw, kyerɛw sɛ: “Ɔhaw wɔ abusua no mu nnɛ. . . . Awaregu a adɔɔso, mmofra a wonnii mfe aduonu basabasayɛ, nnuru a nnipa bebree de di dwuma ɔkwammɔne so, mogyafra a ɛredɔɔso pii, adidi mu nyarewa, ne ɔhwe yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ biribi atoto yiye.”

Nokwarem no, wobetumi ahu “adanse a ɛkyerɛ sɛ biribi atoto yiye” wɔ abusua no mu no wɔ wiase nyinaa. The Unesco Courier kaa tebea a ɛwɔ Europa no ho asɛm sɛ: “Efi 1965 no, awaregu adɔɔso yiye wɔ asasepɔn no nyinaa so. . . . ɔwofo a onni ɔhokafo mmusua adɔɔso.” Abusua mu ɔhaw redɔɔso wɔ aman a wɔrenya nkɔso nso mu. Nhoma kyerɛwfo Hélène Tremblay ka sɛ: “Ɛnnɛ yɛ basabasayɛ bere ma nnipa ɔpepem pii a wɔte aman a wɔahu daa asetra kwan a wotumi di kan hu sɛnea ebewie, na ɛnsakra mfehaha pii no.”

Nea eyi hu titiriw ne tebea a ɛwɔ afie pii mu nnɛ no. Wɔ United States nkutoo no, awofo a wɔyɛ asadweam na wɔretete mmofra ɔpepem pii. Abusua mu basabasayɛ nso adɔɔso ma ɛyɛ hu. Nhwehwɛmufo Richard Gelles ne Murray Straus ka wɔ wɔn nhoma Intimate Violence no mu sɛ: “Ɛda adi yiye sɛ wo dɔfo bi bɛtow ahyɛ wɔ so, ahwe wo, na wakum wo wɔ w’ankasa fie sen baabi foforo biara, anaa sen obi foforo biara wɔ yɛn man yi mu.”

Sɛ tra a anibuei bɛkɔ so atra hɔ no gyina abusua no ahoɔden so a, ɛnde na wɔwɔ nea wobegyina so ahaw wɔ anibuei daakye ho. Nanso, ebia nea ɛbɛba anibuei so no yɛ nneɛma a wudwen ho no mu ketewaa koraa. Ɛda adi yiye sɛ nea wudwen ho ne nea basabasayɛ a ɛte sɛɛ no betumi akyerɛ ama w’abusua. Dɛn na ebefi mu aba? Ebia mmuae a efi nhoma bi a wogye tom mu no bɛma wo ho adwiriw wo yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena