Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 11/15 kr. 7
  • Mmeamudua No Kristosom Ho Sɛnkyerɛnne?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmeamudua No Kristosom Ho Sɛnkyerɛnne?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti na Momfa Krɔɔs Nyɛ Adwuma?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • So Mmeamudua No Yɛ Kristofo De Ankasa?
    Nyan!—1984
  • Nea Enti a Nokware Kristofo Mfa Mmeamudua Nni Dwuma Wɔ Ɔsom Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 11/15 kr. 7

Mmeamudua No Kristosom Ho Sɛnkyerɛnne?

MFEHAHA pii ni no, nnipa bebree agye mmeamudua no atom sɛ Kristosom ho sɛnkyerɛnne. Nanso so ɛte saa ankasa?

Nnipa pii a wofi koma pa mu agye adi sɛ saa na ɛte no ho dwiriw wɔn yiye sɛ wohu sɛ ɛnyɛ Kristosom mu nkutoo na wɔde di dwuma. Ɔkwan foforo so no, wɔde adi dwuma kɛse wɔ nyamesom ahorow a emufo nyɛ Kristofo no mu wɔ wiase nyinaa.

Sɛ nhwɛso no, wɔ 1500 mfe no mfiase mu hɔ bere a Hernán Cortés ne ne “Kristofo” asraafo siesiee wɔn sɛ wɔbɛtow ahyɛ Aztec Ahemman no so no, wokurakuraa mfrankaa a wɔde bɔ dawuru sɛ, “Momma yɛmfa nokware gyidi nni Mmeamudua Kronkron no sɛnkyerɛnne akyi, efisɛ sɛnkyerɛnne yi ase na yebedi nkonim.” Ebia wɔn ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ wɔn atamfo abosonsomfo no som mmeamudua bi a ɛte sɛ wɔn de no. Nhoma Great Religions of the World se: “Cortés ne n’akyidifo twee wɔn ho fii Aztecfo no afɔre a wɔde nnipa bɔe ne nea ɛte sɛ Kristosom mu nneɛma a Satan suasua no ho: . . . ahum ne nsu anyame ho nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛ mmeamudua a wɔsom.”

Nhoma kyerɛwfo José Alberto Furque daa no adi wɔ samufo asɛm bi a na ɛwɔ atesɛm krataa La Nación mu no mu sɛ afeha 18 no fã a ɛto so abien no mu no, “nnipa ne wɔn asetra ho abenfo ne tetefo ho nneɛma hwehwɛfo ntam akyinnyegye a emu yɛ den na ɛyɛ anigye a ɛfa faako a mmeamudua nsɛnkyerɛnne fi ne nea ɛkyerɛ ho” a na wɔrehu wɔ Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam mmeae pii no fii ase. Ebia na ebinom wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛbɔ mmeamudua no gyinabea sɛ “Kristofo” sɛnkyerɛnne a ɛda nsow no ho ban, ma enti wɔkyerɛkyerɛe sɛ na wɔaka asɛmpa no wɔ Amerika nsase so wɔ ɔkwan bi so ansa na Columbus refi n’akwantu a agye din no ase! Na ɛsɛ sɛ woyi saa atoro adwene no fi hɔ sɛ biribi a enni nnyinaso.

Bere bi akyi no, asɛm yi ho nneɛma afoforo a wohui no maa saa akyinnyegye no nyinaa to twae. Furque se: “Wɔkae wɔ nhoma bi a Smithsonian Institution no tintimii wɔ 1893 mu no mu sɛ wogye toom sɛ na wɔsom mmeamudua no dedaw . . . bere tenten ansa na Europafo a wɔdii kan baa Amerika Kusuu Fam no reba hɔ, na esi nkyerɛkyerɛ no so dua sɛ . . . na saa sɛnkyerɛnne no wɔ aman nyinaa mu sɛ ɔsom a wɔde ma tumi horow a wɔde nkwa bae no fa.” Bible no kyerɛ sɛ wɔankum Yesu wɔ mmeamudua so koraa, na mmom dua anaa stau·rosʹ kɛkɛ so. Nea Hela asɛmfua yi a epue wɔ Mateo 27:40 no kyerɛ titiriw ne mpuran anaa dua a wɔama so asi hɔ kɛkɛ, te sɛ nea wɔde yɛ ɔdan fapem. Enti, mmeamudua annyina hɔ amma nokware Kristosom da. Yesu Kristo daa nokware Kristosom ho sɛnkyerɛnne anaa “agyirahyɛde” adi bere a ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo” no.​—Yohane 13:35.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena