Ahe na Wobɛtɔ Eyi?
SO WUNIM biribi a ɛsom bo kɛse araa ma wubetumi afi wo pɛ mu biribiara a wowɔ abɔ afɔre na ama wo nsa aka? Ná Yesu nim, na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ n’akyidifo.
Ɔkae sɛ: “Ɔsoro ahenni no te sɛ oguadini bi a ɔhwehwɛ nhene pa; na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.”—Mateo 13:45. 46.
Ná saa oguadini no wɔ ɔpɛ sɛ ɔde biribiara bɛbɔ afɔre na ama ne nsa aka “ahene” no, Onyankopɔn Ahenni. Dɛn ntia? Efisɛ wiase yi mu biribiara ne no nsɛ. Onyankopɔn Ahenni beyi ɔhaw ahorow a onipa ntumi nyi mfii hɔ, te sɛ akodi, ɔkɔm, nsɛmmɔnedi, ne nhyɛso afi hɔ. (Dwom 72:4-8,13,14) Ahenni no ase no, bɔne, ɔyare, ne owu mpo befi hɔ. (Adiyisɛm 21:4, 5 ) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Awurade Mpaebɔ (“Yɛn Agya a wowɔ soro”) no mu adesrɛde a ɛto so abien ne sɛ, “W’ahenni mmra”!—Mateo 6:9,10.
Dɛn na wubetua na ama woanya Ahenni no nhyira horow no bi? Nokwarem no, wuntua nhyira horow no ho hwee. Nanso nea ɛbɛyɛ na woanya bi no, ɛsɛ sɛ wuhu dekode a Ahenni no yɛ, wugye di sɛ ɛwɔ hɔ ankasa, na wode di kan wɔ w’asetram. So wubetumi ayɛ saa? Nsɛm wɔ Bible no mu a ɛbɛboa wo. Dɛn nti na womma Yehowa Adansefo mmoa wo mma wunsua Onyankopɔn Ahenni no ho ade, na woabu sɛnea wubetumi anya emu mfaso nnɛ mpo.