Ahoɔfɛ a Ɛnsɛe
ANWENSƐM kyerɛwfo Walter De la Mare kae sɛ: “Ahoɔfɛ yera; ahoɔfɛ twam.” Ɛda adi pefee sɛ eyi te saa wɔ cactus nhwiren a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ ha yi ho. N’anuonyam sɛe ntɛm.
Kristoni suani Yakobo kyerɛwee sɛ: “[Ɔdefo no] bɛsen akɔ sɛ wuram nhwiren. Na owia de ne hyehye fi na ɛhyew wura no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefo nso bekisa n’akwan so.”—Yakobo 1: 10, 11.
Wɔ wiase a yɛntumi nhu nea ebesi yi mu no, ahonyade betumi ayera da koro pɛ ampa. Afei nso, ɔdefo—te sɛ onipa biara—nna ‘yɛ tiaa bi sɛ nhwiren.’ (Hiob 14:1, 2) Yesu buu bɛ bi faa ɔbarima bi a ɔde ne bere nyinaa hwehwɛɛ ahonyade na watumi atra ase agye n’ani ho. Nanso bere a osusuwii sɛ wanya biribiara a ohia wɔ asetram a ɔde begye n’ani no, owui. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.”—Luka 12:16-21.
“Ɔdefo Onyankopɔn fam.” Saa a Yesu kae no kyerɛ dɛn? Onipa a ɔyɛ ɔdefo saa kwan yi so no wɔ “ademude ɔsoro”—din pa wɔ Onyankopɔn anim. Enhia sɛ ademude a ɛte saa sɛe. (Mateo 6:20; Hebrifo 6:10) Sɛ́ anka onipa a ɔte sɛɛ bɛyɛ te sɛ nhwiren a ekisa no, Bible no de no toto dua a n’ahaban mpo ho mmom. Na yɛwɔ awerɛhyem sɛ “nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.”—Dwom 1:1-3, 6.