Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 10/1 kr. 32
  • So Wode Ogya Ato Kwae Mu Pɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wode Ogya Ato Kwae Mu Pɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 10/1 kr. 32

So Wode Ogya Ato Kwae Mu Pɛn?

WOBƐKA sɛ, ɛnte saa koraa. Nanso twɛn! Ebia woayɛ saa. Tie osuani Yakobo nsɛm yi: “Tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi asɔ!”​—Yakobo 3:5.

Tɛkrɛma yɛ akwaa a ehia ma kasa, nanso wɔde adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so dɛn ara! Nnipa de tɛkrɛma no di atoro, na wɔde twiri afoforo. Wɔde kasa tia afoforo yayaaya, de sɛe wɔn din, na wɔde di wɔn amim. Nnipakuw a wɔyɛ basabasa de tɛkrɛma no di dwuma de kanyan ɔman anidan. Adolf Hitler de ne tɛkrɛma dii dwuma de kanyan ɔman muÞ ma wɔkɔɔ ako​—ɛyɛ ‘kwae mu gya’ ampa!

Wɔn a wokura adwempa mpo betumi asɔ ‘kwaem gya’ kakra. So woaka biribi ma woanu wo ho wɔ hɔ ara pɛn? Sɛ ɛte saa a, ɛnde wote nea na Yakobo kyerɛ bere a ɔkaa eyi no ase: “Tɛkrɛma de, onipa biara ntumi nnwudwo no.”​—Yakobo 3:8

Nanso yebetumi abɔ mmɔden de yɛn tɛkrɛma adi dwuma wɔ ɔkwampa so. Te sɛ odwontofo no, yebetumi asi yɛn bo aka sɛ: “Mɛhwɛ m’akwan yiye, na mamfa me tɛkrɛma manyɛ bɔne.” (Dwom 39:1) Sɛì anka yɛbɛkasa atia afoforo yayaaya no, yebetumi abɔ mmɔden ahyɛ wɔn den mmom. Sɛì anka yebetwiri nkurɔfo no, yebetumi aka wɔn ho asɛmpa mmom. Sɛì anka yebesisi afoforo na yɛadaadaa nkurɔfo no, yebetumi aka nokware akyerɛ wɔn na yɛatu wɔn fo mmom. Sɛ yɛma koma pa kanyan tɛkrɛma no a, ebetumi aka nsɛm a ɛyɛ anigye na ɛma denhyɛ. Yesu de ne tɛkrɛma dii dwuma wɔ ɔkwampa so de kyerɛkyerɛɛ adesamma nkwagye ho asɛm.

Nokwarem no, “owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam.” (Mmebusɛm 18:21) So wo tɛkrɛma di awu anaa ɛma nkwa? So ɛsɔ ‘kwae mu gya’ anaa edum no? Odwontofo no bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Me tɛkrɛma begye w’asɛm so, na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee.” (Dwom 119:172) Sɛ yenya odwontofo no su no bi a, yɛn nso yɛde yɛn tɛkrɛma bedi dwuma wɔ ɔkwampa so.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

U.S. Forest Service photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena