Henanom na Wɔwɔ Ahonhommɔne mu Gyidi?
SO WUGYE di sɛ ahonhom a aniwa nhu wɔn betumi anya w’asetra so nkɛntɛnso? Nnipa pii bebua denneennen sɛ dabi. Bere a wogye tom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no, wosi atwetwe wɔ adwene a ɛne sɛ abɔde bi wɔ hɔ a wɔkorɔn sen nnipa a wɔyɛ nneɛma bɔne ho.
Gye a Atɔe fam wiase no mufo pii nye nni sɛ ahonhom a aniwa nhu wɔn wɔ hɔ no fã bi fi Kristoman, a akyerɛkyerɛ mfehaha pii mu sɛ asase no wɔ amansan yi mfinimfini, na ɛwɔ ɔsoro ne asase ase hellgya bi ntam no nkɛntɛnso. Sɛnea saa nkyerɛkyerɛ yi kyerɛ no, abɔfo gyee wɔn ani wɔ soro bere a adaemone hwɛɛ hellgya so.
Bere a nyansahu mu adehu maa nnipa pow amansan yi tebea ho adwene a ɛnteɛ no, ahonhom abɔde mu gyidi ano brɛɛ ase. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Bere a Copernicus ɔsesɛw (a na egyina Polandni Copernicus a ɔyɛ wim nneɛma ho nimdefo no nkyerɛkyerɛ so no), a ɛbae wɔ afeha a ɛto so 16 mu no maa wobehui . . . sɛ Asase no nni amansan yi mfinimfini na mmom, ɛka okyinnsoromma akuw bi a etwa wɔn ho wɔ owia a ɛwɔ yɛn amansan yi a ɛkame ayɛ sɛ wonni mu ahuye no fã ketewaa bi pɛ ho no—abɔfo ne adaemone ho adwenhorow a wɔwɔ no bɛyɛɛ nea ɛmfata bio.”
Bere a nnipa bebree nnye nni sɛ ahonhommɔne wɔ hɔ no, ɔpepem pii gye di. Abɔfo a wɔahwe ase di dwuma titiriw wɔ ɔsom pii mu, tete mmere mu ne nnɛ nyinaa. Sɛ wɔde dwuma a wodi sɛ wɔn a wɔsɛe honhom mu yiyedi no to nkyɛn a, wohu sɛ saa abɔfo bɔne yi de asiane ahorow te sɛ akodi, ɔkɔm, ne asasewosow, ne afei nyarewa, adwenemhaw, ne owu ba.
Nkramofo frɛ Satan Ɔbonsam, a wonim no sɛ ahonhommɔne panyin wɔ Kristosom ne Yudasom mu no Iblis. Ná wonim no sɛ Angra Mainyu wɔ tete Persia Zoroastasom mu. Wɔ Animdefo som a ɛbaa so wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. mu no, wosusuwii sɛ Ɔbonsam ne Demiurge, edin a wɔde maa onyame ninkufo bi a ɔba fam a adesamma pii som no a wonnim.
Ahonhom nketewa a wodi nsɛmmɔne ho nsɛm pii wɔ Apuei famfo som ahorow mu. Hindufo gye di sɛ asuras (adaemone) no ko tia devas (anyame) no. Nea wosuro wɔn titiriw wɔ asuras no mu ne rakshasas, abɔde a wɔn ho yɛ hu a wokyinkyin asiei.
Budhafo gye di sɛ adaemone yɛ tumi a wɔwɔ nipasu a wosiw onipa kwan na wannu Nirvana, beae a onipa akɔnnɔ fi ne mu. Ɔsɔhwɛfo kɛse a ɔwɔ wɔn mu ne Mara a ne mmabea baasa, Rati (Akɔnnɔ), Raga (Anigye), ne Tanha (Ahoyeraw) ka ne ho no.
Chinafo nyamesomfo de agyatanaa, agyatɛn, ne mmofra tuo di dwuma de bɔ wɔn ho ban tia kuei, anaa abɔde ho adaemone ho. Wogye di wɔ Japanfo som ahorow mu nso sɛ adaemone pii wɔ hɔ, a tengu, ahonhom a wɔn ho yɛ hu yiye a wɔtra nnipa mu araa kosi sɛ ɔsɔfo bi betu wɔn no ka ho.
Abosonsomfo a wɔwɔ Asia, Afrika, Oceania nsupɔw, ne Amerika nsase so no gye di sɛ ahonhom abɔde no di boa nnipa anaa wopira wɔn, a egyina nsɛm tebea ahorow ne sɛnea wɔte nka wɔ tebea bi ho no so. Nkurɔfo som saa ahonhom yi na wɔabɔ wɔn ho ban afi asiane ho na wɔanya nhyira ahorow.
Eyi nyinaa ne afei ntafowayi ne ahonhonsɛmdi ho anigye a atrɛw kɛse no da no adi pefee sɛ nnipa akɔ so agye ahonhommɔne adi fi bere tenten. Nanso so ntease wom sɛ yebegye adi sɛ saa abɔde yi wɔ hɔ ankasa? Bible no ka sɛ wɔwɔ hɔ. Nanso sɛ wɔwɔ hɔ ampa a, dɛn nti na Onyankopɔn ma wɔn kwan ma wonya onipa so nkɛntɛnso ma ɛdan no bɔne?