So Wubu Bible No?
BƐYƐ mfe 200 a atwam ni na wɔwoo Mary Jones wɔ Wales akyirikyiri akuraa Llanfihangel a ɛbɛn Atlantic mpoano no mu. Ná n’awofo yɛ ntamanwemfo bi a na wodi hia—ná ahia wɔn araa ma wontumi ntɔ Bible mpo. Nanso wɔnam Bible mu nsɛm a na wɔka kyerɛ wɔn babea no ne emu nsɛm a na wɔkae a wɔkɔɔ so tii mu kyerɛɛ no no so de Onyankopɔn ho dɔ hyɛɛ ne mu. Ná Mary taa kenkan ofipamfo bi Bible a wɔakyerɛw no wɔ Wales kasa mu, na ofii ase siee sika nkakrankakra sɛnea obetumi, a na wasi ne bo sɛ ɔbɛtɔ ɔno ankasa ne de.
Wɔ afe 1800 mu bere a na Mary adi mfe 16 no, ɔtee sɛ wɔretɔn Bible kakraa bi a wɔakyerɛw wɔ Wales kasa mu wɔ kurow ketewa Bala a efi ne kurom rekɔ hɔ yɛ kilomita 40 mu. N’abam ammu, osii ne bo sɛ ɔbɛnantew akɔ hɔ. Ɔnantew foforoo mmepɔw a na ɔnhyɛ mpaboa. Nanso, bere a odui no na wɔatɔn Bible no nyinaa ma asa. Mary behui nso sɛ sika a na wasie no sua koraa.
Bible mu nimdeɛ ne ɛho dɔ a na Mary wɔ no kaa ɛhɔ sɔfo no kɛse. Bere a ohui sɛ Mary resu esiane ne brɛ nyinaa a na ayɛ ɔkwa nti no, ofi ayamye mu de ɔno ankasa ne Bible maa no kae sɛ: “Kenkan no yiye, fa nsi sua, fa nsɛm kronkron no sie wo tirim, na fa ne nkyerɛkyerɛ no bɔ wo bra.”
Wɔkaa saa asɛm yi kyerɛe wɔ Religious Tract Society of London (Nyamesom ho nkratawa kuw a ɛwɔ London) no Baguafo nhyiam bi ase akyiri yi. Ɛhɔ na wosii gyinae sɛ wɔbɛkyekyɛ Bible nkyerɛase ahorow ama nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa, na ɛnyɛ Walesfo nko. Saa adeyɛ ketewaa yi na ɛde Bible kyekyɛ akuw pii a wɔhyehyɛe wɔ afeha 19 no mu nea edi kan no bae. Ɛno akyi na wofii ase tintim Bible wɔ aman foforo kasa mu ntɛmntɛm.
Ɛnnɛ, Watch Tower Bible and Tract Society, a wɔde sii hɔ wɔ 1884 mu no tintim Bible ne Bible sua nhoma wɔ kasa horow bɛboro 200 mu. Ɛde Bible a wɔde nnɛyi kasa akyerɛw New World Translation of the Holy Scriptures ɔpepem 72 amema wɔ wiase nyinaa. Wubetumi anya New World Translation a wɔkyerɛɛ ase fii mfitiase Hebri ne Hela kasa mu no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa horow 18 mu, na mprempren wɔrekyerɛ ase akɔ kasa foforo 12 mu.
Bere a ɛkame ayɛ sɛ obiara nsa tumi ka Bible no bi yi, wubu no dɛn? So wubu Bible no? So wowɔ bi a w’ani ku ho a wokenkan?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Efi nhoma The Story of Mary Jones and Her Bible mu