Ahenni Adawurubɔfo bɔ Amanneɛ
“Biakoyɛ Honhom Nkaedum”
AKADO botan tenten kɛse bi si Spain anaafo fam tɔnn a wɔfrɛ no Gibraltar Botan. Amammuisɛm mu ntawntawdi ne amanaman ntam akasakasa akɔ so wɔ saa botan yi ho wɔ mfehaha a atwam no mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnansa yi wɔdaa biakoyɛ su a wɔntaa nhu wɔ wiase no mu nnɛ adi wɔ Gibraltar Botan no ho.
Wufi Ɔbotan no so sian kilomita 3 pɛ a, wubehu Spain kurow La Línea. Ɛhɔ na Yehowa Adansefo Ahenni Asa a wɔresi maa adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama ɔhaha pii boom hyiae a na wɔn mu biara wɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne bere ne n’ahoɔden bɛboa. Bere a wɔresi ɔdan a ɛfata ama Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn som no, Gibraltar Botan ho nsɛm a agye din kɛse no mpo bɛyɛɛ nea ɛho nhia, sɛ wɔde toto ɔdan a wɔresi no ho a.
Ahenni Adawurubɔfo a wɔwɔ wiase no fã yi de amanneɛbɔ a edi so yi ba sɛ:
“Adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama ahankron a wɔwɔ anigye no yɛɛ adwuma awia ne anadwo, na wofii ase Fida awia, September 24, 1993. Eduu Kwasida anwummere nnɔnson no, na wɔde sɛnkyerɛnne foforo a ɛkyerɛ sɛ ɔdan no yɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa asi hɔ, na na wɔreyɛ baguam nhyiam a edi kan wɔ ɔdan foforo a ɛyɛ fɛ no mu.
“Adansefo pii a wɔbemmɛn Gibraltar twaa hye no bɛboaa wɔn nuanom Spaniafo no. Adwumayɛfo a wɔde wɔn ho mae no biako a ofi Gibraltar kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Amammui mu mpaapaemu ammrɛ yɛn wiase nyinaa onuayɛ no ase.’ Ɔde kaa ho sɛ: ‘Mfe pii a atwam no, anuanom a wofi La Línea bɛboaa yɛn ma yesii yɛn Ahenni Asa wɔ Gibraltar, enti yɛn ani agye nnɛ sɛ yɛn nso yɛayi ayamye adi akyerɛ wɔn saa ara.’
“Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa mmɔden a Yehowa Adansefo asafo abien yi ne aboafo a wɔn ho akokwaw wɔ adansi mu a wofi Andalusia mantam mu bae bɔe no, La Línea kurow no sii gyinae de asase a wobehia de asi dan no kyɛɛ wɔn. La Línea kurow no sohwɛfo kyerɛkyerɛɛ mu bere a ɔbɛsraa baabi a yɛresi ɔdan no sɛ: ‘Sɛnea ɛte no, Spain nkurow mu atumfoɔ ama Katolek asɔre no nsase ma wɔasi wɔn adan wɔ so bere nyinaa. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ asɔre afoforo nso saa ara? M’ani agye ayamye a adwumayɛfo no ayi no adi no ho kɛse, na mete nka sɛ wɔfata yɛn mmoa. Yehia honhom a ɛte sɛɛ pii wɔ nnɛ wiase a emu apaapae yi mu.’
“Ɔkaa Ahenni Asa no ho asɛm sɛ ‘biakoyɛ honhom nkaedum.’ Nokwarem no, ɛnyɛ ɔdan no fɛ anaa ne kɛse na ɛkanyan anigye titiriw. Mmom no, nea nnipa pii a wɔte mpɔtam hɔ ani gyee ho kɛse ne sɛ, adwumayɛfo a wosii ɔdan no nyinaa yɛ wɔn a wɔde wɔn ho ama, na wosii no wɔ nnɔnhwerew 48 pɛ mu!”
Ɛda adi sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ La Línea ne ne mpɔtam redi asɛm a ɛwɔ Galatifo 6:10 no so. Ɛhɔ na ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo agyidifo fo sɛ: “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”