Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 8/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Woahu Nokware Som No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • So Wo Fi Yɛ Baabi A Ahotɔ Ne Asomdwoe Wɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Ɛhe Na Wubetumi Anya Akwankyerɛ a Edi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • ‘Mommma Wɔnnnan Mo Adwene Ntɛm’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 8/15 kr. 30

So Wokae?

So wode ahwɛyiye asusuw Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no ho? Sɛ saa a, ɛnde w’ani begye ho sɛ wobɛkaakae nea edidi so yi:

▫ Nsonsonoe titiriw bɛn na ɛda nnipa ne mmoa ntam?

Nsonsonoe titiriw no gyina sɛnea amemene no te, nea etumi yɛ, ne dwumadi ahorow so. Ɛkame ayɛ sɛ wɔayɛ mmoa amemene dwumadi nyinaa ho nhyehyɛe dedaw wɔ nea wɔabɛfrɛ no nkate mu nyansa no mu. Eyi nte saa wɔ nnipa fam. Onyankopɔn maa nnipa hokwan a wobetumi de apaw nea wɔpɛ. (Mmebusɛm 30:24-28)—4/15, kratafa 5.

▫ Ɔfã bɛn na nnwonto nyae wɔ ɔsom a Israelfo de mae wɔ asɔrefie no mu?

Ná nnwom, titiriw nnwontofo, wɔ ɔfã kɛse wɔ ɔsom mu, ɛnyɛ sɛ wɔde sii Mmara no mu nsɛntitiriw so dua ankasa, na mmom wɔde kanyan tebea a ɛfata maa ɔsom. Ɛboaa Israelfo no maa wofii nkate mu som Yehowa. (1 Beresosɛm 23:4, 5; 25:7)—5/1, nkratafa 10, 11.

▫ Ɔhwɛ bɛn na mmofra hia fi bere a wɔyɛ nkokoa?

Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani ku wɔn ba a wɔawo no foforo no ho bere nyinaa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa . . . akɔ nkwagye mu.” (2 Timoteo 3:15) Enti ɔhwɛ a Timoteo nya fii n’awofo hɔ fi bere a na ɔyɛ akokoa no yɛ honhom fam de nso.—5/15, kratafa 11.

▫ Adanse anan bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible no kura Onyankopɔn nkrasɛm ma adesamma nyinaa?

(1) Obiara nsa betumi aka bi. Wiase mu nnipa bɛyɛ ɔha biara mu 98 betumi anya Bible no bi. (2) Abakɔsɛm mu nokwasɛm. Abakɔsɛm mu nokwasɛm na ɛwɔ Bible no mu, ɛnyɛ anansesɛm huhuw. (3) Mfaso a ɛwɔ so. Ne mmara ne nnyinasosɛm ahorow no kyerɛkyerɛ asetra kwan a ɛde mfaso brɛ wɔn a wɔbata ho. (4) Nkɔmhyɛ. Ɛyɛ nhoma a ɛka nea ɛbɛba daakye ho asɛm na ɛkyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri.—6/1, nkratafa 8, 9.

▫ Asɛyɛde bɛn na ɛwɔ nokware som a wubehu ho?

Yenya hu nokware som ara pɛ a, ɛsɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra. Ɛyɛ asetra kwan. (Dwom 119:105; Yesaia 2:3)—6/1, kratafa 13.

▫ Dɛn nti na kokoam Bible adesua ho hia saa?

Ɛho hia sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa sua Onyankopɔn Asɛm no mu nokware foforo anaa nea emu dɔ de hyɛ wɔn anigye ne wɔn ahoɔden mu den. Wɔ saa kwan yi so no wɔkanyan wɔn ho wɔ honhom mu.—6/15, kratafa 8.

▫ Asɛmfua “bɔne” a wɔde di dwuma wɔ Bible no mu no kyerɛ dɛn?

Hebri ne Hela adeyɛ nsɛm a wɔtaa de di dwuma wɔ Bible mu ma “bɔne” no kyerɛ “tɔ sin,” a ɛkyerɛ botae bi a wɔtɔ ho sin anaa wonnu ho. Onyankopɔn anuonyam bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no, na wɔamma atirimpɔw nti a wɔbɔɔ wɔn wɔ Onyankopɔn suban so no amma mu. Yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, wɔyɛɛ bɔne. (Genesis 2:17; 2:6)—6/15, kratafa 12.

▫ Dɛn nti na nyansa nnim koraa sɛ yɛbɛkenkan awaefo nhoma?

Awaefo nhoma no bi de “tɛkrɛmakyene” ne “nsisisɛm” ka atosɛm. (Romafo 16:17, 18; 2 Petro 2:3) Awaefo nhoma nyinaa kasa tia afoforo na ɛsɛe wɔn. Ɛmma nkɔso biara.—7/1, kratafa 12.

▫ So dodow amammu fii ase wɔ Hela?

Nkurow kakraa bi mu na na tete Hela dodow amammu yɛ adwuma, na ɛhɔ mpo no mmarima nkutoo na wɔtoo aba. Eyi kyerɛ sɛ ɛhɔ nnipa no anum mu abupɛn anan annya mu kyɛfa. Ná ɛnyɛ tumidi a dodow pene so koraa anaa dodow amammu!—7/1, kratafa 16.

▫ Dɛn na ɛma Kristoni aware nya nkɔso?

Bere a okunu ne ɔyere kyerɛ obu ma Onyankopɔn adwene wɔ aware nhyehyɛe no ho, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde n’Asɛm no mu nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ wɔn asetram no. (Efesofo 5:21-33)—7/15, kratafa 10.

▫ Ɛbɛyɛ dɛn na w’abusua adesua ayɛ anigye?

Bɔ mmɔden ma mmofra no nyinaa nnya mu kyɛfa. Nya adwempa na fa nkuranhyɛ ma, na fi ɔdɔ mu kamfo wɔn. Ɛnsɛ sɛ musua nneɛma pii kɛkɛ, na mmom bɔ mmɔden sɛ wubedu wo mma komam.—7/15, kratafa 18.

▫ Dɛn na asɛm: “Bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ” no kyerɛ? (1 Tesalonikafo 5:3)

Hyɛ no nsow sɛ Bible no nka sɛ amanaman no benya “asomdwoe ne ahotɔ.” Nanso anyɛ yiye koraa no, wɔbɛka ho asɛm wɔ ɔkwan soronko so, na wɔada awerɛhyem ne gyidi a wonnyaa bi da adi. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔabɛn asomdwoe ne dwoodwoo asetra ho sen bere biara.—8/1, kratafa 6.

▫ Bobɔ akwan abiɛsa a Yehowa fa so da no adi sɛ ɔwɔ ntease.

Yehowa daa no adi sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde firi. (Dwom 86:5) Onya ɔpɛ sɛ ɔbɛsakra ɔkwan bi a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛfa so bere a tebea afoforo sɔre no. (Hwɛ Yona, ti 3.) Afei nso, Yehowa ada no adi sɛ ɔwɔ ntease wɔ ɔkwan a ɔfa so di tumi no mu. (1 Ahene 22:19-22)—8/1, nkratafa 12-14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena