‘Ntini a Ɛrenhim’
WIASE abɔde a nkwa wom a ɛsoso na akyɛ sen biara no biako ne sequoia nnua a ɛwɔ California no. Sɛ saa anwonwade akɛse yi nyinyin wie a, ebiara tenten du bɛyɛ mita 90, na etumi di boro mfe 3,000.
Ɛwom sɛ sɛ sequoia si hɔ a ɛyɛ hu de, nanso ne ntini a aniwa nhu no nso yɛ anwonwade saa ara. Sequoia wɔ ntini ntraantraa a ɛtoatoam a ebetumi atrɛw akodu bɛyɛ ahama abiɛsa anaa anan. Saa ntini a ɛtrɛw yi ma etumi gyina pintinn wɔ nsuyiri anaa ahum mu. Sequoia betumi agyina asasewosow a ano yɛ den mpo ano!
Ɔhene Salomo de dua ntini a ɛyɛ den yɛɛ ntotoho wɔ ne mmebusɛm no biako mu. Ɔkae sɛ: “Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na treneefo ntini renhim.” (Mmebusɛm 12:3) Yiw, abɔnefo nni nnyinaso a ɛyɛ den. Yiyedi biara a ayɛ te sɛ nea wonya yɛ bere tiaa mu de kɛkɛ, efisɛ Yehowa hyɛ bɔ sɛ “nea abɔnefo hwɛ kwan no bɛyera.”—Mmebusɛm 10:28.
Eyi yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, efisɛ Yesu kae sɛ wɔn mu bi ‘rennya ntini’ wɔ wɔn mu na wɔbɛma nneɛma bi ato wɔn hintidua. (Mateo 13:21) Bio nso, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ nnipa binom bɛyɛ wɔn a “[atoro] ɔkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba.” (Efesofo 4:14) Yɛbɛyɛ dɛn akwati eyi?
Sɛnea sequoia ntini trɛtrɛw kɔ akyiri wɔ asase a nneɛma pa wom mu no, saa ara na ehia sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn koma bɔre hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu kɔ akyiri na yenya emu nsu a ɛma nkwa no mu ahoɔden. Eyi bɛboa yɛn ma yɛanya gyidi a ɛyɛ den. Nokwarem no, yɛbɛte sɔhwɛ a emu yɛ den nka. Ebi mpo a ahohia bɛma yɛahinhim te sɛ dua. Nanso sɛ yɛn gyidi yɛ den yiye a, yebenya ‘ntini a ɛrenhim.’—Fa toto Hebrifo 6:19 ho.